Mubetumi ‘Ama Wɔakɔ’ Anigye Mu!
YƐAHU sɛ nka a wɔte sɛ wɔbɛyɛn mmofra a wɔanyinyin nyɛ nea ɛso di yɛ mmerɛw. Sɛ́ mobɛma wɔakɔ no betumi ayɛ nea ɛyɛ den. Ebetumi akyerɛ hyɛ a wobɛhyɛ wo ho (ne wo tɛkrɛma) so bere a wo mma no de wɔn ho nu abrabɔ mu no. Ɛsɛ sɛ wugyae bu a wubu wɔn sɛ nkokoaa a wɔda nsa so no na wugye wɔn tom sɛ mpanyimfo. Ɛho hia sɛ woma wɔn ankasa si wɔn gyinae na wɔyɛ wɔn mfomso ahorow, bere a woma wohu sɛ sɛ wohia wo a woda so ara wɔ hɔ no.
Wobɛkɔ so ayɛ ɔwofo bere nyinaa na wurennyae wo mma no hwɛ anaasɛ wɔn ho adwennwen da. Nanso ɛsɛ sɛ wɔn ho a wudwen no yɛ nea egyina gye a wugye wɔn ho a wɔade no tom ne adwene a ɛne sɛ wɔatete wɔn na wode abrabɔ ho gyinapɛn ahorow ahyɛ wɔn mu no so. Wubetumi anya ahotoso sɛ wobedi yiye!
Enti ɛho nhia sɛ woma ehu ka wo wɔ kɔ a wɔkɔ no ho. Kɔ a wobɛma wo mma akɔ no bue hokwan ahorow foforo. Hokwan a mode bɛhyɛ mo aware no mu den foforo bio. Ofie hɔ bɛyɛ te sɛ nea ayɛ dinn kakra de. Wɔ mfe pii a wode ahwɛ abusua akyi no, ɛho behia sɛ woyɛ nsakrae ahorow bi.
Nanso ɔbra no mmaa awiei. Nneɛma akɔ abesi ananmu. Mfiase no na wo ne wo hokafo nkutoo na mowɔ hɔ. Afei mmofra fii mu bae mmiako mmiako. Mfe no twaam ntɛmntɛm, etwaam ntɛmntɛm mpo sen sɛnea na wususuw. Na afei, nkakrankakra mmofra no anyinyin na wɔkɔ mmiako mmiako. Moasan abesi sɛnea na ɛte bere a na morefi ase no mu bio; aka wo ne onipa a wokaa ntam sɛ wo ne no bɛtra wo nkwa nna nyinaa mu no. Na wo hokafo no wɔ hɔ ansa na morenyinsɛn mo mma no mpo, na ɛsɛ sɛ wokɔ so ara dɔ no kɛse wɔ wo komam.
Ma w’ani nsan nnye wo hokafo no ho bio. Ɛdɛn, “wubetumi akɔfew wo yere no ano wɔ mukaase bere biara,” saa na agya biako ka, na ose “ebia na worentumi nyɛ saa bere a na mmofra no wɔ hɔ no.” Afei mowɔ bere pii a mode bɛbɔ nkɔmmɔ, de atu kwan, de agye mo ho mo ho ani. Ebia mubetumi atrɛw mo Nyankopɔn som adwuma no mu mpo.
Ɛho nhia sɛ awofo a wɔyɛ akunafo anaasɛ wonni ahokafo ma ankonamyɛ kyekyere wɔn. “Yɛ ade ma afoforo!” saa na Carmen ka. Ose: “Ná mitumi tra ɔdan nkyɛn mu baabi su wɔ me kunu wu no ho. Nanso masua sɛ mɛyɛ obi a onni adagyew bere nyinaa. Mehwɛ kwan sɛ mɛto nsa afrɛ nkurɔfo, na mahyɛ afoforo nkuran.”
Woka sɛ, ‘Nanso misuro sɛ anhwɛ a me mma no werɛ befi me!’ Ɛho nhia sɛ wote nka saa. Bere a wɔn nkutoo wɔ hɔ na wɔrebɔ mmɔden wɔ asetra mu no, wo mma no bedwen fie ne ɔdɔ a emu yɛ hyew a muyii adi kyerɛɛ wɔn no ho. Bere ne bere mu no wɔbɛfrɛ mo wɔ telefon so na wɔama moahu sɛnea wɔn ho te. Ebia wɔbɛpɛ sɛ mode mo afotu a nyansa wom no bi mpo ma wɔn. Na wɔbɛba abɛsra mo nnakoro nnakoro; ɛnyɛ pii te sɛnea ebia mopɛ no, nanso ɛbɛyɛ nea ɛdɔɔso a wɔde kyerɛ sɛ wɔda so ara dɔ mo.
Esiane sɛ woadɔ wo mma no kɛse na woama wɔkɔ nti, ɛnyɛ nea wɔafi wo nsa koraa. Ɔdɔ a ɛte sɛ ogya a wɔsɔɔ ano wɔ wɔn komam no rennum da—gye sɛ woma ano brɛ ase. Ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim yɛ nea emu rentetew na ɛbɛkɔ so a faako a wɔwɔ mfa ho. “Ɔdɔ to ntwa da.”—1 Korintofo 13:8.
Ɔbabarima bi a wafi fie a ɔwɔ anisɔ na ɔrebɛware, sii so dua kyerɛɛ n’awofo sɛ: “Mepɛ sɛ mo nyinaa hu sɛ medɔ mo yiye na m’ani gyina mo. Nanso Bible no ka sɛ ɔbarima begyaw n’agya ne ne na. Mɛbɔ mmɔden biara a metumi sɛ mɛma abusua no din akɔ so wɔ ha na mama ayɛ din a nidi wɔ ho. Sɛ me ne Kelly ware a, yɛbɛsra mo bere nyinaa.” Na nea ɛsɛ sɛ ɛba nen.
[Box on page 12]
“Na yewiee nna no di no, yefii hɔ tuu yɛn kwan, na wɔn nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma begyaw yɛn kwan de kosii sɛ yefii kurow no mu, no yɛkotow mpoano hɔ bɔɔ mpae. Na yɛkrakra yɛn ho no, yɛkɔɔ hyɛn mu, na, wɔsan kɔɔ fie.”—Asomafo no Nnumma 21:5, 6.
[Kratafa 11 mfoni]
Momma nsrahwɛ nyɛ bere a mode kyerɛ ɔdɔ a mowɔ ma mo ho
[Kratafa 12 mfoni]
San nya wo hokafo no ho anigye bio, mprempren a mo nkutoo wɔ bere pii yi