Wotiee Abusua No Hyehyɛfo No
ABUSUA mu nsɛm a emu yɛ den rekɔ anim wɔ baabiara, ɛwom sɛ abusua mu anigye yɛ ade a nnipa bebree hwehwɛ de. Nanso, onipa Bɔfo, abusua hyehyɛfo no, de akwankyerɛ a ɛfata ma abusua asetra a anigye wom ama. Akwankyerɛ yi akyi a wodi nti, nnipa pii anya komatɔyam wɔ asetra mu. Ɔyere fiehwɛfo bi a ɔwɔ Japan ka sɛnea ɔne ne kunu san boom ankasa ho suahu kyerɛ:
“Baabi a na atew ne ho a mete mpo no, Yehowa Adansefo baa hɔ. Wɔkaa abofra ntetee ho asɛm kyerɛɛ me na wɔne me ba hyehyɛɛ adesua. Misusuwii sɛ ɛdenam Bible adesua no so no abofra no bɛyɛ abofra pa. Nea ɔyɛ adesua no baa yɛn fie a ɛwɔ akyirikyiri no daa. Adamfofa a emu yɛ den kɔɔ so, na me ba no hwɛɛ adesua no kwan dapɛn biara.
“Mmere horow yi biako mu no Ɔdansefo no buee ‘Asɛmpa a—Ɛbɛma Wo Ani Agye’ nhoma no mu kae sɛ: ‘Wɔakyerɛw ɔkwan a wobɛfa so abɛyɛ ɔyere pa ho asɛm wɔ ha.’ Asɛm ‘ɔyere pa’ no twee me. Dapɛn a edi hɔ no me nso metraa Bible adesua no mu na mifii ase nyaa mu kyɛfa. Adesua a edi kan no mu no metee Bible asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 27:15 no: ‘Asusow bere mu nsu a ɛsosɔ daa ne ɔbea tutupɛfo sɛ.’ Bere a metee nea Bible ka wɔ tiyɛ ho no, mihui sɛ m’ankasa me tiyɛ na mikuraa mu sen me kunu de. Metee yaw bi nka wɔ me koma mu.
“Saa bere yi na me ne me kunu ntam retetew. Na asɛm no fi me. Mfe bi a atwam no, minyaa adwene sɛ mesiesie yɛn nneɛma korabea, nanso me kunu sɔre tiae. Mekɔɔ so ma wɔyɛe. Efi saa bere yi meyɛɛ nea mepɛ a mimmisa no. Me kunu huu eyi no, ɔkae sɛ: ‘Wunhia me, wo ankasa wubetumi ayɛ wo biribiara. Ma obiara mfa ne kwan. Mintumi ntra eyi ho bio.’ Yɛn abusuabɔ sakrae mpofirim. Me kunu dan kɔɔ kyakyatow ne asanom so. Esiane sɛ na yɛn ba nnyinii nti, yɛangu aware no, nanso na edin no ara na ɛda yɛn so sɛ awarefo.
“Na eyi ne tebea a yɛwom bere a Bible ma mihuu nkwaseasɛm a madi no. Mepaa me kunu kyɛw me komam na bere a adesua no rekɔ so no mifii ase sui. Afei kyerɛw nsɛm a ɛwɔ 1 Petro 3:1, 2 maa me anidaso. ‘Saa ara na mo, ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so anya wɔn, sɛ wɔbɛhwɛ mo abrabɔ a ɛho tew wɔ osuro mu.’ Kyerɛwsɛm yi ma metee nka me komam sɛ ɛnkaa akyi dodo. Afei misuaa Bible bɔhyɛ foforo, ɛno ne nsiesiei ma daa nkwa no. Bere a migye dii sɛ Yehowa wɔ hɔ no, na mitumi kɔ ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu. Da biara da mebɔɔ mpae sɛ ebia me kunu ne me besua nokware no, sɛ na ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a.”
Dɛn na okunu no yɛe wɔ ne yere mmɔdenbɔ no ho? Ɔno ankasa ka kyerɛ:
“Mfiase no bere a me yere fii ase sɛ ɔresua ade no metee nka sɛ ɛbɛyɛ sɛnea ɔyɛ daa no, sɛ obegyae bere tiaa mu. Bere a atwam no, sɛ me yere fi ase sɛ ɔresua biribi a, akyɛ aboro so koraa ne asram abiɛsa na wagyae. Nanso saa bere yi de, na biribiara nkyerɛ sɛ obegyae; mmom no, ne mmɔdenbɔ kɔɔ anim bere nyinaa. Asram 10 adesua akyi no mihui sɛ ne suban wɔ me ho asakra. Ɔbrɛɛ ne ho ase na ogyaee kasa pii. Na mitumi hu mmɔden a ɔrebɔ no na ɛyɛɛ me nwonwa sɛ Bible wɔ tumi a ɛte saa, enti me nso mifii ase sɛ me ne Yehowa Adansefo besua Bible. Bere a misuaa nea ɛyɛ Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw ma yɛn no, misii gyinae sɛ mɛtra ase ma ɛne n’apɛde ahyia. Nea efi mu bae ne sɛ yɛn abusua a emu apaapae no bɛyɛɛ biako. Ansa na Paradise no bɛba mpo no, na yɛn abusua no anya anigye.”
Awarefo yi suaa Bible no, de nneɛma a wosuae no dii dwuma na wotumi maa wɔn abusua asetra no nyaa nkɔso. Yiw, abusua no hyehyɛfo, Yehowa, a ɔyɛ ‘anigye Nyankopɔn’ no akwankyerɛ akyidi de asetra a anigye wom ba.—1 Tim. 1:11.