Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 12/8 kr. 4-7
  • Abusua A Ɛresɛe Nnɛ—Nea Ɛde Ba No Yɛ Hu Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abusua A Ɛresɛe Nnɛ—Nea Ɛde Ba No Yɛ Hu Dɛn?
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SUKUU MU BASABASAYƐ
  • NNIPA PII KUNKUM WƆN HO
  • MMOFRA TUUTUUYƐ
  • NNUBƆNE A WƆDE DI DWUMA WƆ WIASE NYINAA
  • ATIRIMƆDENYƐ WƆ OFIE
  • MPANYIMFO A WƆNHWEHWƐ WƆN
  • BABASO A ABU SO
  • NSADWEAMFO ƆPEPEM PII
  • MMOFRA NYINSƐN
  • Bere A Mmusua Horow Sɛe
    Nyan!—1980
  • Abusua No—Ɛyɛ Nnipa Ahiade!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Agyanom—Nea Enti a Wɔn Ho Ayɛ Na
    Nyan!—2000
  • Biribi Wɔ Hɔ a Ɛde Abusua mu Anigye Ba?
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 12/8 kr. 4-7

Abusua A Ɛresɛe Nnɛ​—Nea Ɛde Ba No Yɛ Hu Dɛn?

WIASE nyinaa no, mmusua horow mu retetew. Ɛkame ayɛ sɛ ɔhaw a aba wɔ mfe ahorow mu no yɛ nea ebi mmae da.

Awaregu dodow a ɛba wɔ United States ne Canada a wɔde aba ase ha no kyerɛ sɛnea asɛm no mu yɛ den wɔ baabiara nso. Aman afoforo wɔ awaregu dodow a ɛkɔ soro te sɛ eyi anaasɛ ɛkɔ soro sen saa mpo.

Abusua a ɛyɛ nnipa nhyehyɛe a ɛho hia kɛse a emu retetew no yɛ nea wobetumi de ato ɔdesani nipadua mu nkwammoa a enni dwuma yiye no ho. Sɛ nkwammoa no pii yare​—anaasɛ wofi ase yɛ “basabasa” a​—ɛka nipadua mũ no nyinaa ɔkwammɔne so. Saa ara na mmusua a ɛdɔɔso a emu bɛtetew no betumi asɛe ɔman mũ nyinaa.

Meyer Elkin, obi a waben wɔ abusua mu nsɛm a emu yɛ den ho, bɔ kɔkɔ sɛ: “Mprempren yɛreyɛn mmofra a wofi afie a emu apaapae mu​—na ɛyɛ ade a ɛde ɔhaw kɛse bɛba wɔ asetra mu.”

Nokwarem no, nea abusua a ɛresɛe de bɛba no yɛ hu dɛn? Wɔkyerɛ sɛ abusua a ɛresɛe no na ɛde nea edidi so yi aba titiriw:

SUKUU MU BASABASAYƐ

“Esiane porɔw a abusua no reporɔw nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ afe biako mu [wɔ Amerika] no, wɔhwee akyerɛkyerɛfo 70,000, wodii awu 100 wɔ sukuu mu, na wɔsɛee sukuu ahorow mu nneɛma a ano si dare (dollar) ɔpepepem,” ne asɛm a Dr. Harold V. Roth, adwene mu nyarewa ho nimdefo panyin a ɔwɔ Menninger Foundation no kae.

NNIPA PII KUNKUM WƆN HO

Ɛkame ayɛ sɛ, dapɛn biara no mmerante ne mmabaa di wɔn ho dɔm wɔ Japan. Wɔ West Germany no, mmerante ne mmabaa 1,468 kunkum wɔn ho wo afe biako mu. Amerikafo mmerante ne mmabaa bɛyɛ 5,000 kunkum wɔn ho afe biara​—13 da biara! “Mmofra pii te nka sɛ mmeae horow a na anka wɔtaa nya mmoa fi no nni hɔ bio,” ne nkyerɛkyerɛmu a Dr. Arthur Froese, mmerante ne mmabaa adwenem nyarewa ahorow ho dwumadibea so hwɛfo, de mae. “Abusua no mu ɛnanom titiriw reyɛ adwuma na nena nso mmɛn hɔ a ɔretõ paano bi bere a wɔapɔn sukuu.”

MMOFRA TUUTUUYƐ

Sɛnea amanneɛbɔ bi a Amanaman Nkabom no fã a edi adesamma hokwan ahorow ho dwuma de mae kyerɛ no, wɔ Keseefam Amerika ɔman biako pɛ so no, bɛyɛ mmofra 50,000 yɛ tuutuufo. Mmofra tuutuuyɛ abɛyɛ ade kɛse wɔ wiase nyinaa. Dɛn ntia? “Bebree a wɔabɛyɛ tuutuufo no fi afie a emu apaapae mu,” ne nea Detroit News a ɛbae May 16, 1978 no ka. Adesua horow bi mu no, wɔn a wɔyɛ tuutuufo no ɔha biara mu 25 fi afie a wobu bra a ɛte saa mu.

NNUBƆNE A WƆDE DI DWUMA WƆ WIASE NYINAA

Nnubɔne a wɔde di dwuma rekɔ so kɛse wɔ aman pii mu wiase nyinaa, titiriw wɔ mmerante ne mmabaa mu. Wɔkyerɛ sɛ Italy wɔ nnipa 200,000 a nnubɔne anya wɔn, England wɔ 2,000,000, na Amerika wɔ 6,000,000. Adwene mu nyarewa ho nimdefo mmɔdenbɔfo bi se: “Ade biako a ada adi wɔ wɔn a wɔde nnubɔne di dwuma titiriw mu ne sɛ na wɔn agyanom nni wɔn nkyɛn wɔ mfe kakraa a edi kan wɔ wɔn mmofraase no mu.”

ATIRIMƆDENYƐ WƆ OFIE

Richard Gelles a osua nnipa nneyɛe ho ade kae sɛ, ‘obi a ɔyɛ wo busuani betumi akum wo anaasɛ obetumi apira wo wɔ wo ankasa wo fie asen baabi foforo biara.”

Wɔ Amerika no, awofo kunkum wɔn ankasa mma 2,000 afe biara, na wopirapira bɛyɛ 1,000,000. Na aware mu ahokafo a wokunkum wɔn ho bɛyɛ 2,000 ba afe biara. Eyi yɛ ade a tebea horow a ɛresɛe wɔ abusua mu de ba.

MPANYIMFO A WƆNHWEHWƐ WƆN

Wɔntaa nhu abusua a mmofra, awofo ne nenanom bom tra bio. Amerikafo bɛboro 6,500,000 nkutoo tra. Mpɛn pii no wɔde abusuafo a wɔn mfe akɔ anim kogu nkwakora ne mmerewa fie anaasɛ wobu ani gu wɔn so. Nea ɛde ba​—ankonamyɛ ne ntɛm a wɔn mu pii wuwu.

BABASO A ABU SO

Wɔ Italy no, mmerante 1,968,984 a wɔfrɛɛ wɔn maa ɔman dwumadi no, wohui sɛ wɔn mu bɛyɛ 65,000 yare babaso. Na nnipa bɛboro ɔpepem biako a wɔyare babaso wɔ Amerika afe biara no mu no, ɔha mu 25 biara yɛ mmofra a wɔadi fi mfe 15 kosi 19. Da biara da no mmabaa 5,750 nkɔ sukuu wɔ Amerika esiane babaso nti. Wɔkyerɛ sɛ sɛe a abusua nhyehyɛe asɛe no titiriw na ɛde aguamammɔ bebrebe a ɛte saa aba nnɛ.

NSADWEAMFO ƆPEPEM PII

Aman pii wɔ nsadweamfo ɔpepem pii. Wɔbɔ amanneɛ sɛ asanom bebrebe kum nnipa 40,000 afe biara wɔ France. Wɔ Amerika no, anyɛ yiye koraa no, mmofra baanum a wɔkɔ ntoaso sukuu biara mu biako bow nsa pɛnkoro dapɛn biara mu. Wɔkyerɛ sɛ abusua mu ɔhaw ahorow ne anigye a enni hɔ titiriw na ɛde asanom bebrebe aba.

MMOFRA NYINSƐN

Afe biara mu no, mmabaa bɛyɛ 30,000 a wɔadi mfe 14 anaa nea ennu saa nyinsɛn wɔ Amerika; mmofra a wonyinsɛn afe biara mu no dodow nkabom yɛ bɛyɛ ɔpepem biako. Eyinom mu bɛyɛ 600,000 wowoe​—na wɔn mu baasa biara mu baanu woe a na wɔnwaree. Wɔ Kanada no, mmofra bɛboro 1,000 nyinsɛn dapɛn biara. Na New Zealand no, mmofra baanum biara mu baako yɛ nea onni agya​—awerɛhosɛm foforo a sɛe a abusua no sɛe de aba.

Ɛda adi pefee sɛ, abusua no sɛe a ɛresɛe no de nneɛma a ɛyɛ hu reba wiase nyinaa. Ɛyɛ hu mpo sɛ yebesusuw ɛnanom a wayɛ mmabaa ɔpepehaha pii a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ wɔn mma bere a wonni kunu ho. Nanso nea ɛrekɔ so nen.

Bio nso, mmabaa a wonnii mfe 20 a wɔwaree wɔn wɔ Engiresi Aburokyiri no mu baasa mu biako biara nyinsɛn ansa na wɔayɛ no ayeforo. Na wɔ Amerika no, ɛkame ayɛ sɛ mmea a wonnii mfe 25 a wɔwaree wɔn nyinaa mu nkyem anan mu biako yɛ wɔn a na wɔawo pɛn anaasɛ wɔanyinsɛn bere a wɔwaree wɔn no. Saa tebea yi de sika fam ahokyere ne adwenem haw brɛ mmusua afoforo yi mu pii.

Aman horow bi so no, ɛnanom mu pii a wɔwɔ mmofra a wɔkɔ sukuu yɛ adwuma​—wɔ Amerika no, bɛyɛ ɔha biara mu 50. Esiane sɛ agyanom nso yɛ adwuma nti, mmofra ntaa nnya awofo akwankyerɛ a wohia no. Sɛnea Ɔbenfo Urie Bronfenbrenner kae no: “Sɛ biribi pɔtee wɔ hɔ a ɛda ɔhaw a ɛreba adi a, ɛkame ayɛ sɛ efi ase fi mmofra a wɔba ofie bɛto ɔdan a obiara nni mu so.”

Esiane sɛ awaregu, ntetewmu, awaresɛe ne awofo a wogyaw wɔn ahokafo ne wɔn mma hɔ kodi nnipa foforo akyi abɛyɛ nea abu so nti, asetra ho nyansahufo bɔ kɔkɔ sɛ ebia abusua no rentumi nkɔ so ntra hɔ wɔ afeha yi mu. Na ebinom suro sɛ abusua asetra a ɛresɛe no de anibuei a ɛwɔ hɔ no sɛe ankasa bɛba.

Dɛn na ama abusua asetra asɛe? Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ ho?

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 4]

AWAREGU DODOW

TOTAL DIVORCES

U.S.A. Canada

1960 393,000 6,980

1965 479,000 8,974

1970 708,000 29,775

1976 1,083,000 54,207

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena