Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 12/8 kr. 19-22
  • “Buronya Honhom” No Yɛ Kristofo De Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Buronya Honhom” No Yɛ Kristofo De Dɛn?
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔdɔ ne Ayamye
  • Papayɛ ne Ahosodi
  • Anigye
  • Asomdwoe, Abodwokyɛre ne Odwo
  • Gyidi
  • Dɛn na Buronya Kyerɛ ma Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Buronya Mu Ahosɛpɛw No—Afa He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Buronya​—Dɛn Nti Na Agye Din Wɔ Japan Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  •  Nea Ɛkɔfaa Nnɛyi Buronya Bae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 12/8 kr. 19-22

“Buronya Honhom” No Yɛ Kristofo De Dɛn?

NHOMA bi a wɔfrɛ no “All About American Holidays” (“Amerikafo Nnaponna Ho Nsɛm Nyinaa”) ka sɛ, ɛwom sɛ Buronya so a wɔnam pɛ sika no nyɛ nea ɛfata de, nanso nea esi eyi a ɛmfata ananmu ne “adamfofa honhom pa no . . . ne ayamye” a woyi adi kyerɛ Buronya bere no. Wɔfrɛ eyi “Buronya honhom.” Nanso, so nea wɔfrɛ no “Buronya honhom” no ye ankasa? So ɛkata Buronya ho nneɛma afoforo pii a ɛmfata no nyinaa so? So ɛyɛ Kristofo adeyɛ, sɛ ɛnyɛ nyamesom mu mpo a, anyɛ yiye koraa no, so ɛte saa wɔ wɔ abrabɔ fam?

Ma yennyina su horow a Bible kyerɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn honhom no aba, a ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ nokware Kristofo asetra mu no so nhwehwɛ saa asɛm yi mu. Woasi su horow yi so dua wɔ nsɛmti nketewa a woakyerɛkyerɛw no akɛse a edidi so yi mu. (Gal. 5:22, 23) So ɛda adi wɔ “Buronya honhom” no mu?

Ɔdɔ ne Ayamye

Sɛ “Buronya honhom” no yɛ Kristofo de ampa a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɔdɔ ne ayamye wom. So ɛte saa?

Ebia obi bɛka sɛ akyɛde ahorow a wɔde mema wɔ Buronya bere mu no yɛ ɔdɔ ne ayamye a ɛda adi. Yiw, eyi te saa, sɛ wɔde adwempa na ɛyɛ a. So ɛte saa? So wɔn a “Buronya honhom” nya wɔn no ani gye adema ho titiriw, anaa nea wɔhwɛ kwan ne ade a wɔn nsa bɛka afi afoforo nkyɛn mmom? Sɛ adekyɛ a pɛsɛmenkominya nni mu ho titiriw na wosusuw a, dɛn nti na ɛnka “Kristofo” a wɔyɛ aguadifo mma wɔn adekyɛ nkɔ anim denam nneɛma bo a wɔbɛma aba fam mmom sen sɛ wɔbɛtoto so wɔ Buronya bere mu no so? Dɛn nti na nneɛma bo taa kɔ soro kɛse saa bere yi wɔ afe no mu, wɔ mmeae horow bi?

Nyan! kyerɛwfo bi a ɔwɔ Afrika atɔefam bɔ amanneɛ sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no ani gye akyɛde ho. Ɛwom sɛ wɔn mu ɔha biara mu 60 “nyɛ Kristofo” de, nanso Buronya bere mu no, “Buronya honhom” no nya wɔn nyinaa. Nkramofo a wɔsrɛsrɛ ade trɛw wɔn nsam de “afirihyia pa” kyia wɔn a wɔretwam. Adwumayɛfo a wɔwɔ ɔman adwuma mu hwɛ kwan sɛ wɔn nsa bɛka akyɛde afi wɔn a wɔyɛ nnema horow ma wɔn nkyɛn, na wɔhyɛ da kae wɔn mpo. Post Office adwumayɛfo bi mpo pow sɛ wɔbɛkyekyɛ nkurɔfo a wɔpow sɛ wɔbɛma wɔn Buronya ade no nkrataa. Eyi nyɛ adesrɛ ara kwa; ɛyɛ apoobo.

Dapɛn biako ansa na 1977 Buronya no redu no, Toronto Star atesɛm krataa no de kɔkɔbɔ mae wɔ “wɔn a wohwinhwim sika bɔtɔ, wɔn a wowiawia nneɛma fi aguadidan mu, wɔn a wototo bɔtɔ mu, atorofo ne awifo ho. Ne . . . wɔn a wɔka sɛ woregyegye sika de akɔboa afoforo.” Atesɛm krataa no kae nso sɛ “aguadidan mu nneɛma a wowiawia kɔ a anim wɔ Buronya bere.” Nokwarem no, wɔ Amerika no, ɔpanyin bi a ɔhwɛ ahobammɔ so a wonim no yiye kae sɛ “ɛkame ayɛ sɛ afe no mu nneɛma a ɛyera no mu ɔha mu nkyem 40 yera wɔ adapɛn du a edi Buronya anim no mu.”

Sɛ “Buronya honhom” no yɛ Kristofo de ampa a, dɛn nti na entumi nsiw ano, anaasɛ anyɛ yiye koraa no, ɛmmrɛ pɛsɛmenkominya, atirimɔden ne nneɛma a ɛmfata a wɔyɛ wɔ Buronya bere mu no ase?

Papayɛ ne Ahosodi

Sɛ “Buronya honhom” no yɛ Kristofo de ampa a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea papayɛ ne ahosodi wom. So ɛte saa?

Susuw adiditraso, asanom mmoroso ne wɔn ho a wɔde hyɛ nneɛma ahorow yɛ mu kɔ akyiri dodo wɔ Buronya mu no ho. Hwɛ mmere horow a Buronya dan asabow ne agobɔne a ɛhyɛ ahohwi ne aguamammɔ ho nkuran!

Boston Sunday globe atesɛm krataa no kaa nkɛntɛnso ahorow yi ho asɛm pɛpɛɛpɛ wɔ nnipakuw a etumi nya wɔn kɛse no ho sɛ: “Wɔ obi a wadi asanom bebrebe so nkonim anaasɛ obi a ɔrebɔ mmɔden sɛ obedi so nkonim fam no, nnapɔnna no de sɔhwɛ a nnipa kakraa bi na wotumi di so ba. Ɛyɛ afe no mu bere a wɔhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛnom nsa, bere a wɔn wɔntaa nnom nsa mpo te nka sɛ wɔabow kakra anaasɛ wɔanom pii asen sɛnea wɔyɛ daa no, esiane ka a wɔtaa ka sɛ didi, nom na gye w’ani a ano yɛ den te sɛ nsa a wɔto frɛ afoforo no.”

Sɛ ɛyɛ Kristofo adeyɛ ampa a, dɛn nti na Buronya ntumi nsiw ahosodi a ɛkɔ fam, a enye mma obi akwahosan anaasɛ ne sikasɛm nhyehyɛe, na ebetumi de ɔhaw ankasa aba no ano?

Anigye

Sɛ “Buronya honhom” no yɛ Kristofo de ampa a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea anigye wom. Ɛte saa anaa?

Asɛm bi a oduruyɛfo I. R. Rosengard kyerɛwee wɔ 1977 December Science Digest mu no kae sɛ: “Ɛnyɛ wo nkutoo na wote ‘dapɔnna nhyɛso’ nka. Ɛyɛ ade a ɛhaw adwene kɛse . . . eyi na oduruyɛfo bi ka sɛ ɛbɛboa ma wɔakwati Buronya mu ɔhaw ahorow. Ɔkɔɔ so kae sɛ: “Ɛnyɛ obiara na nnapɔnna ma n’ani gye​—ebinom di awerɛhow sen daa . . . Buronya mu no, nnipa a woredi awerɛhow te nka kɛse efisɛ ɛyɛ wɔn aniwu sɛ wodi awerɛhow bere a obiara ani agye . . . yɛn mu bebree . . . te huammɔdi nka efisɛ yɛn Buronya ho nkate nyɛ nea anigye wom.”

Eyi kyerɛkyerɛ nea enti a nipadua mu nyarewa ho oduruyɛfo ne nyansapɛ ho nimdefo bi kae wɔ Germany nyamesom atesɛm krataa bi mu sɛ “nnipa dodow a wokunkum wɔn ho no kɔ anim Buronya anadwo no.” Sɛ “Buronya ‘honhom” no yɛ Kristofo de ampa a, dɛn nti na mpɛn pii no ɛmma nnipa nnya anigye ankasa wɔ Buronya bere mu?

Asomdwoe, Abodwokyɛre ne Odwo

Sɛ “Buronya honhom” no yɛ Kristofo de ampa a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea asomdwoe, abodwokyɛre ne odwo wom. So ɛte saa anaa?

Ampa sɛ wɔka “asomdwoe wɔ asase so ne nnipa ho adwempa” ho nsɛm pii wɔ Buronya bere mu de, nanso nea wohu ne sɛ akasakasa ne abusua mu akyinnyegye na ɛkɔ so kɛse saa bere yi wɔ afe no mu. Sunday Oregonian atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ ansa na Buronya bɛba no “awofo ne abusuafo bi siesie wɔn ho ma akodi ahorow a ɛbɛma Buronya anadwofa no ayɛ nea emu yɛ den sen biara ma polisifo.” Asennibea odwumayɛfo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Abusuafo bom nom nsa, na wofi ase keka nsɛm a atwam a anka ɛnsɛ sɛ wɔbɔ so bio.” Oregoian atesɛm krataa no sɛ, wɔ mmusua a wɔyɛ ahiafo mu no, “anigye a wɔbɛma mmofra anya wo Buronya mu no ho adwennwen kɔ anim, na ɛma wɔn bo fuw ntɛmntɛm. Ɛtɔ da bi a aware mu ntɔkwaw ahorow sɛe Buronya a wodi no wɔ afie bi mu, wɔde nneɛma a wɔakyekyere di dwuma sɛ akode na wobubu Buronya dua no.” Ɛdefa wiase nyinaa asomdwoe ho no, wɔtaa de nusu ka 1914 Buronya anadwofa no ho asɛm, bere a Britaniani ɔwɛmfo bi tee sɛ Germanfo a wɔwɔ akyiri bɛyɛ basafa 100 reto Buronya dwom “Anadwo Ayɛ Komm, Abɔfo Reto Dwom” no. Britaniafo asraafo nso gyee so sɛ: “Gyidifo Mommra.” Afei asraafo akuw abien no nyinaa fii baabi a wɔhyehyɛ no behyiae no wɔboom too Buronya nnwom nnɔnhwerew kakraa. Nanso ɛno akyi no wɔde ahoɔhare san kofii akodi no ase, a na wɔfrɛ wɔn nyinaa “Kristofo”! So eyi da nokware asomdwoe a ɛwɔ “Buronya honhom” mu adi anaa? Anaa, mmom, so ɛnna nyaatwomyɛ honhom adi, a wɔ saa asɛm yi mu no, ɛkɔ akyiri kɛse anaa?

Gyidi

Sɛ “Buronya honhom” no yɛ Kristofo de ampa a, ɛnde na ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea gyidi wom. So ɛte saa?

Kristofo gyidi, sɛnea wɔkyerɛkyerɛ mu wɔ Hebrifo 11:1 no, gyina nneɛma pɔtee anaasɛ adanse ahorow a ɛda adi so. Esiane sɛ Buronya gyina atetesɛm, ayɛsɛm ne nnaadaa so titiriw nti, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ kwan sɛ ɛbɛma gyidi mu ayɛ den?

Ɛreka Kristo ne tete Kristofo ho asɛm no, asɔre krataa bi a wotintimii wɔ Germane kae sɛ: “Na ne nkyerɛkyerɛ no ho hia nkurɔfo no sen da a wɔwoo no no.” Ɛde kaa ho sɛ: “Na Kristofo a wodi kan no nnim awoda a wodi.”

Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ yebegye adi sɛ wɔwoo Kristo, sɛ yɛpow sɛ yebegye nea ɔkyerɛkyerɛe no adi anaasɛ yebenya ne ogye afɔre no mu gyidi a? Gyidi pii ho nhia na obi agye atom sɛ wɔwoo Kristo; nanso pii ho hia na wɔagye ɛbo a ne ogye afɔre no som ne ne dibea sɛ ɔhene wɔ Onyankopɔn ahenni a wɔde asi hɔ no atom. Sɛ “Buronya honhom” no yɛ Kristofo de ampa a, dɛn nti na nea etumi yɛ ara ne sɛ ɛma nnipa pii kɔ asɔre Buronya bere, nanso entumi mma asɔremma nna gyidi nnwuma ankasa adi mfa nsuasua Kristo wɔ afe mũ no nyinaa mu?

Ne tiaa twa mu no, sɛ “Buronya honhom” yɛ Kristofo de ampa a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea Onyankopɔn honhom aba no da adi wɔ mu. So ɛte saa? Galatifo 5:22, 23 (NW) ka kyerɛ yɛn sɛ “honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi.” So eyi na yɛahu sɛ ɛyɛ Buronya honhom? Anaa, sɛnea yɛahyɛ no nsow no, so ɔhonam a ahwe ase no nnwuma a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Bible mu ti koro no ara mu, nkyekyem 19-21 no, na ɛbɛfata nea ɛkɔ so wɔ Buronya bere mu no? “Na ɔhonam nnwuma no da adi pefee, ɛne aguamammɔ, efi, ahohwi, abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, atutuw, kunsunkunsum, mpaapaemu, nitan, asabow, agobɔne ne nea ɛtete saa. . . . Wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni.”

Sɛ yesusuw sɛnea wodi no wɔ wiase nyinaa no ho mmom sen sɛ yebesusuw sɛnea ebia ankorankoro bi a wɔyɛ anokwafo bɛyɛ wɔn ade bere a wɔredi Buronya no ho a, dɛn na yehu? Ɛda adi pefee sɛ “ɔhonam nnwuma” na ɛtaa da adi, na mpɛn pii no “honhom aba no” nna adi.

Ebia afei de wutumi hu nea enti a nnipa a wɔn ani gye sɛ wɔbɛsow Onyankopɔn honhom no aba na wɔakwati ɔhonam nnwuma no bɔ mmɔden sɛ wɔremma “Buronya honhom” no nnya wɔn so tumi no yiye. Yɛwɔ anidaso sɛ sɛ wususuw nokwasɛm ahorow yi ho mpaebɔ mu a, ɛbɛboa wo ma woasi gyinae a ɛsɔ Kristo, Onii a ɔde Kristosom sii hɔ, no ani, wɔ sɛnea wubedi Buronya ho.

[Kratafa 21 mfoni]

Sɛ “Buronya honhom” yɛ Kristofo de ampa a, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn honhom aba no yɛ nea ɛda adi wɔ mu. Ɛte saa anaa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena