Troy Harrison/Moment via Getty Images
WƆBƆE ANAA?
Sɛnea Nsuo Ho Akranteɛ Tumi Si Ban Wɔ Asubɔnten Mu
Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu ahu sɛ, nsuo ho akranteɛ (beaver) asisi ɛban akɛse wɔ nsubɔnten mu a ebi tenten yɛ mita 850 (anaa kwansin fã), na ne sorokɔ yɛ mita 5.3 (anaa anammɔn 17). Nsuo ho akranteɛ yi, ɔyɛ dɛn tumi sisi ɛban akɛse a ɛte saa wɔ nsubɔnten mu?
Sɛ nsuo ho akranteɛ resi ban a, ofi ase de ne sẽ twitwa nnua ne nnua mman a ne kɛse nnu sɛntimita 30 (anaa anammɔn 1). Odi kan piapia nnua mman a emu yɛ duru kosisi nsuo no ase de yɛ adum. Afei ɔde nnua mman nketenkete ne nhomanhoma hyehyɛ adum no ntam. Nea ɛbɛyɛ na ɛban no ayɛ den no, ɔtwe abo akɛse de gu ɛban no anim ne akyi. Aboa no hwɛ baabi a nnua akɛse anaa abotan akɛse sisi wɔ nsu no ano wɔ benkum ne nifa so, na wasi ɛban no wɔ nnua no anaa abo no ntam. Ɔsan nso de nnua akɛse sisi asubɔnten no anaafo de sum ɛban no, sɛnea ɛbɛyɛ a nsuo a efi atifi retene ba no remmu ɛban no. Aboa no twe nhamanhama, nwura, ne dɔteɛ de tuatua ntokuro a ɛdeda ɛban no mu wɔ baabi a nsuo no tene fi ba no. Afei nso, ogya ntokuro mmienu wɔ ɛban no anoano ma nsuo kakra fa mu sɛnea ɛbɛyɛ a nsuo no rennɔɔso ara mma emmu ɛban no. Sɛ nsuo tɔ kɛse a, aboa no kɔbuebue ntokuro mmienu no mu ma ɛyɛ kɛse ma nsuo dodoɔ no ara fa mu kɔ.
Ɛban bi a nsuo ho akranteɛ asi no, ɛho plan ni: (1) adum, (2) nnua mman nketenkete, (3) nnua akɛse a ɔde asum ɛban no, (4) abo akɛse a ɔde agu ɛban no anim ne akyi, ne (5) nhamanhama, nwura, ne dɔteɛ a ɔde atuatua ntokuro a ɛdeda ɛban no mu
Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu ahu sɛ, nsaase a ɛbɛn ɛban ahoroɔ a nsuo ho akranteɛ sisi no, nneɛma kɔ yie wɔ nsaase no so. Ɛho nhwɛso bi ni. Ɛboa na nsuo antwe dɔteɛ a ɛwɔ asaase ani no ankɔ, ɛma nsuo no ani te, na ɛma asaase no tumi nonom nsuo pii. Afei nso, nsubɔnten bi a sɛ edu ɔpɛbere a na awe no, sɛ aboa no si ɛban no wɔ nsuo no so a, nsuo no nwe bio. Afei nso, sɛ aboa no sisi ɛban ahoroɔ no saa a, ɛma nsaase a ɛwɔ asubɔnten no atifi fam no dane ɔwora anaa atɛkyɛ, kyerɛ sɛ, ɛdane asaase a sɛ nsuo tɔ kɛse a ɛnonom nsuo no dodoɔ ara. Ɛba saa a, ɛmma nsuo no nyiri nsɛe nneɛma. Ɔwora no nso, sɛ ogya tɔ kwae mu a, entumi nhye nkɔ hɔ. Mpɛn pii no, esiane atɛkyɛ ne nsuo a ɛwɔ hɔ nti, wobɛhwɛ na nwura ne nnua a ɛwɔ hɔ no da so yɛ frɔmfrɔm. Sɛ nsuo ho akranteɛ no yɛ ɛban no saa a, ɔwora a ɛma ɛba no, mmoa bebree nso ba bɛtena hɔ.
Nkurɔfo bi a wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi kaa sɛ, “ɛban ahoroɔ a nsuo ho akranteɛ sisi no, wohwɛ a, wobɛka sɛ onipa a ɔwɔ adansi ho nimdeɛ na esii.” Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wokɔ North America a, ɛban bebree a nnipa asisi wɔ hɔ no, wɔhwɛɛ nsuo ho akranteɛ de no so na esisii. Wei nti, nkurɔfo taa ka sɛ, nsuo ho akranteɛ yɛ adansi ho nimdefo a ɔboa ma afifide ne mmoadoma nya baabi pa tena.
Hwɛ nsuo ho akranteɛ bi a ɔresi ban
Wudwen ho sɛn? Sɛnea nsuo ho akranteɛ tumi si ban wɔ asubɔnten mu no, wohwɛ a, ɛno ara na ɛbae? Anaa obi na ɔbɔɔ no saa?