Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nnyina Ɔfã Biara Akyi Wɔ Amanyɔsɛm Mu?
Yehowa Adansefo, yennyina ɔfã biara akyi wɔ amanyɔsɛm mu esiane nea yɛasua afi Bible mu nti. Yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛ amanyɔfo nea wɔnyɛ, na yɛntow aba mma amanyɔkuw anaa nnipa bi a wɔagyina sɛ nkurɔfo ntow aba mma wɔn. Yɛn ankasa nso, yennyina sɛ nkurɔfo ntow aba mma yɛn, na saa ara na sɛ nnipa bi yɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ nneɛma bi de asesa aban a, yɛmfa yɛn ho nwurawura mu. Ɔfã biara akyi a yennyina no, yegye di paa sɛ ɛwɔ nnyinaso wɔ Bible mu.
Yesuasua Yesu. Wannye antom sɛ obedi tumi wɔ amanyɔsɛm mu. (Yohane 6:15) Ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ, ɛnsɛ sɛ ‘wɔka wiase no ho.’ Ɔka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔgyina ɔfã biara akyi wɔ amanyɔsɛm mu.—Yohane 17:14, 16; 18:36; Marko 12:13-17.
Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm, na ɛno na yegyina akyi. Ɔkaa sɛ: “Wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” (Mateo 24:14) Yɛn na wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ, yɛnka Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo. Ɛno nti, yɛmfa yɛn ho nwurawura amanyɔsɛm mu wɔ ɔman a yɛte mu no mu, na saa ara nso na yɛmfa yɛn ho nwurawura aman foforo biara amanyɔsɛm mu.—2 Korintofo 5:20; Efesofo 6:20.
Esiane sɛ yennyina ɔfã biara akyi wɔ amanyɔsɛm mu nti, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ nnipa a ɛwɔ amanyɔkuw ahorow ahorow mu. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe bɛkyerɛ sɛ yegye di sɛ Onyankopɔn Ahenni no na ebeyi ɔhaw a ɛwɔ wiase nyinaa afi hɔ.—Dwom 56:11.
Esiane sɛ yɛmfa yɛn ho nwurawura amanyɔsɛm a ɛde mpaapaemu ba nnipa mu no mu nti, yɛayɛ baako wɔ wiase baabiara. (Kolosefo 3:14; 1 Petro 2:17) Nanso, ɔsom ahorow a emufo de wɔn ho wurawura amanyɔsɛm mu de, mpaapaemu nko ara.—1 Korintofo 1:10.
Yɛwɔ obu ma aban ahorow. Ɛwom sɛ yɛnyɛ amanyɔsɛm de, nanso yebu aban a edi tumi wɔ ɔman a yɛte mu no. Nea enti a yebu aban no ne sɛ, saa na Bible kyerɛ sɛ yɛnyɛ. Ɛka sɛ: “Momma onipa biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase.” (Romafo 13:1) Yedi mmara so, yetua yɛn tow ahorow, na mmɔden a aban no rebɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ne manfo ho bɛtɔ wɔn no, yɛboa. Sɛ nkurɔfo pɛ sɛ wɔtu aban no gu a, yɛmfa yɛn ho nwurawura mu. Mmom, yedi afotu a Bible de ma no so. Bible tu yɛn fo sɛ, yɛmmɔ mpae mma “ahemfo ne wɔn a wodi tumi nyinaa,” ne titiriw no, bere a wɔresisi gyinae a ebetumi ama yɛanya ahofadi asom Onyankopɔn anaa ebetumi ama wɔabara ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no.—1 Timoteo 2:1, 2, ase hɔ asɛm.
Afei nso, hokwan a nkurɔfo wɔ sɛ wɔbesisi wɔn ankasa gyinae wɔ amanyɔsɛm ho no, yɛnkasa ntia. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ wɔretow aba wɔ yɛn man mu a, yɛnyɛ biribiara a ɛde basabasa bɛba abatow no mu, na nkurɔfo a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtow aba no nso, yɛnyɛ biribiara mfa nsiw wɔn kwan.
Ɔfã biara akyi a Yehowa Adansefo nnyina wɔ amanyɔsɛm mu no, ɛyɛ ade foforo anaa? Daabi. Yesu asomafo no ne Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no sii gyinae a ɛte saa wɔ amanyɔsɛm ho. Nhoma bi ka sɛ: “Ɛwom sɛ na tete Kristofo no nim sɛ ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔdi atumfoɔ a wɔdi tumi no ni. Nanso, na wɔnnye nni sɛ ɛfata sɛ wɔde wɔn ho wurawura amanyɔsɛm mu.” (Beyond Good Intentions) Saa ara na nhoma foforo nso ka sɛ, sɛ aban no ma tete Kristofo no dibea a, na wɔnnye.” (On the Road to Civilization)
Ɔfã biara akyi a yennyina wɔ amanyɔsɛm mu no, ɛde ɔman no ahobammɔ to asiane mu anaa? Daabi. Yehowa Adansefo, yɛyɛ ɔman mma a yɛpɛ asomdwoe. Enti ɛnsɛ sɛ wɔn a edi tumi no suro yɛn. Afe 2001 no, ekuw bi de amanneɛbɔ bi too gua. Amanneɛbɔ no kaa ɔfã biara akyi a Yehowa Adansefo nnyina no ho asɛm sɛ: “Ɛnnɛ, ebia nnipa binom ani rennye gyinae a Yehowa Adansefo asi no ho; ɛyɛ saa gyinae yi ara nti na Nasi aban ne Komunis aban ahorow a na ɛhyɛ wɔn manfo so no gyinaa so dii Yehowa Adansefo ani yayaayaw.” Nanso, bere a na Soviet aban no rehyɛ Adansefo no so mpo no, Adansefo no “daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nnipa a wɔdi mmara so. Wɔyii wɔn yam yɛɛ adwuma wɔ ɔman no mfuw ne faktri ahorow mu. Adansefo no anyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ wɔresɔre atia Komunis aban no tumi a ɛredi no.” Amanneɛbɔ no de asɛm no baa awiei sɛ, ɛnnɛ nso, Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ne wɔn nneyɛe “mfa ɔman biara ahobammɔ nto asiane mu, na ɛmfa mpaapaemu mma ɔman biara mu nso.”—National Academy of Sciences of Ukraine.