Emu Nsɛm
NNAWƆTWE A EFI ASE MAY 30, 2016–JUNE 5, 2016
3 Yedi Nokware a, Onyankopɔn Ani Sɔ Yɛn
Adesua yi bɛma yɛahu nea ɛboaa Yefta ne ne babea no ma wɔkɔɔ so dii nokware wɔ mmere a emu yɛ den mpo mu. Yebehu sɛ biribiara a yɛde bɛbɔ afɔre ma yɛasɔ Onyankopɔn ani no nyɛ hwee.
NNAWƆTWE A EFI ASE JUNE 6-12, 2016
9 “Momma Boasetɔ Nwie N’adwuma”
Sɛ yebenya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ yegyina mu kodu awiei. Adesua yi bɛma yɛahu nneɛma nnan a ɛbɛboa yɛn ama yɛagyina mu akodu awiei. Ɛbɛsan ama yɛahu nnipa baasa a wɔyɛɛ boasetɔ ho nhwɛso pa. Afei nso yebehu sɛnea yɛn mu biara bɛma boasetɔ awie n’adwuma.
NNAWƆTWE A EFI ASE JUNE 13-19, 2016
15 Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yehyiam Som?
Nneɛma pii na ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛkɔ asafo nhyiam daa. Adesua yi bɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛahu nea enti a mfaso wɔ so sɛ yɛne afoforo bɛkɔ asafo nhyiam daa. Afei nso ɛbɛma yɛahu sɛ asafo nhyiam a yɛbɛkɔ no sɔ Yehowa ani.
NNAWƆTWE A EFI ASE JUNE 20-26, 2016
21 Nnyina Ɔfã Biara Wɔ Wiase a Emu Apaapae Yi Mu
Ɛwom sɛ ɛnnɛ, wiase atumfoɔ dodow no ara nhyɛ yɛn sɛ yennyina ɔfã bi akyi de, nanso bere a yɛrebɛn awiei no, yɛhwɛ kwan sɛ wobetumi asesa wɔn adwene. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma nnan a ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adi Yehowa nokware.