Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb26 May kr. 2-3
  • May 4-10

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • May 4-10
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2026
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2026
mwb26 May kr. 2-3

MAY 4-10

YESAIA 58-59

Dwom 21 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Nea Woyɛ a Ɛbɛma Woanya Yehowa Nhyira Pii

(Simma 10)

Yi wo yam yɛ nkurɔfo papa (Yes 58:​7-9)

Fa Yehowa som di kan wɔ w’abrabɔ mu (Yes 58:​13, 14; w06 6/15 22 ¶9)

Nya ahotoso sɛ Yehowa bɛhwɛ wo (Yes 59:1; w13 1/15 13 ¶5-6)


BISA WO HO SƐ, ‘Adɛn nti na Israelfo no annya Yehowa nhyira, na dɛn na metumi asua afi wɔn asɛm no mu?’ (Yes 58:​1-5; ip-2 279-280 ¶6, ¶8)

Maame bi ne ne mma mmea mmienu te fam wɔ wɔn fie korokorowa bi mu; wɔrekenkan “Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No” nhoma no, na wɔn ani agye.

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Yes 59:11—Yesaia kaa sɛ Israelfo no “kɔ so pow te sɛ asisi.” Saa asɛm no kyerɛ sɛn? (it “Osisi” ¶6, mwbr)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Yes 59:​1-12 (th adesua 10)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa yɛn nkratawa no bi fi nkɔmmɔ ase. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 5)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Bible mu nsɛm a ɛwɔ Dɔ Nnipa nhomawa no nkekaho A no mu no, wo ne onipa no mmɔ baako ho nkɔmmɔ. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 4)

6. Ɔkasa

(Simma 5) lmd nkekaho A nkyekyɛm 16—Asɛmti: Ɛsɛ Sɛ Yɛtaa Bɔ Mpae. (th adesua 8)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 100

7. “Momma Mo Ani Nnye Ahɔhoyɛ Ho”

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Paul hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔmma wɔn ani nnye ahɔhoyɛ ho.’ (Ro 12:13; w09 10/15 6 ¶13; w96 10/1 9 ¶3; 11 ¶11, 12) Wɔn a wɔde saa afotu no yɛ adwuma no, wɔnya nhyira pii.—Mme 11:25.

Video a yɛato din, “Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo​—Ma W’ani Nnye Ahɔhoyɛ Ho” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. Caleb ne n’abusua resom abusua bi hɔho; abusua no baa Caleb ne n’abusua asafo no mu nkyɛe.

Yi VIDEO a yɛato din, Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo—Ma W’ani Nnye Ahɔhoyɛ Ho. Afei bisa sɛ:

  • Video a yɛhwɛe no, ɛdɛn na ama woahu afa ahɔhoyɛ ho?

  • Sɛ wosom nkurɔfo hɔho a, adepa bɛn na woahu sɛ efi mu ba?

Sɛ yɛka ahɔhoyɛ a, obiara nni hɔ a ɔto Yehowa. (Aso 14:17) Kenkan Deuteronomium 10:​17, 18. Afei bisa sɛ:

  • Ahɔhoyɛ ho ade bɛn na woasua afi Yehowa hɔ?

  • Nkurɔfo a wɔnyɛ yɛn abusuafo anaa yɛn nnamfo paa no, sɛ yɛsom wɔn hɔho a, nhyira bɛn na yenya?

  • Nnipa bɛn na wɔn ho asɛm wɔ Bible mu a wɔn nso som nkurɔfo hɔho? Ɛdɛn na woasua afi wɔn hɔ?

  • Hena ne hena na wɔn ho asɛm aba wo tirim a wopɛ sɛ wosom wɔn hɔho? Nea wopɛ sɛ woyɛ ma wɔn no, kyerɛw hyɛ ha:

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) lfb adesua 82-83

Nsɛm a Yɛde Wie (Simma 3) | Dwom 42 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena