November 20-26
HIOB 18-19
Dwom 44 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 1)
BIBLE MU AKORADE
“Nyi Onua Biara Baako Nhyɛ Ne Nsa Da”: (Simma 10)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 10)
Hio 19:1, 2—Yɛhwɛ asɛm a Hiob kae bere a ne “nnamfo” no kekaa nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛɛ no no a, dɛn na yɛfa fi mu? (w94 10/1 32)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhu faa Yehowa, asɛnka adwuma no, anaa biribi foforo biara ho a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
Bible Akenkan: (Simma 4) Hio 18:1-21 (th adesua 5)
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 3) Fa asɛmti a wɔde ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ asɛnka no fi ase. Ofiewura no de asɛm bi a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano wɔ mo asaasesin mu betwa w’ano, nanso fa ɔkwan bi so boa no na toa w’asɛm no so. (th adesua 12)
Sankɔhwɛ: (Simma 4) Fa asɛmti a wɔde ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ asɛnka no fi ase. To nsa frɛ no sɛ ɔmmra asafo nhyiam, na ka kyerɛ no sɛ video a yɛato din Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So? no, wopɛ sɛ wuyi kyerɛ no (nanso nyi). Wuwie a, wo ne no mmɔ video no ho nkɔmmɔ. (th adesua 3)
Ɔkasa: (Simma 5) w20.10 17 ¶10-11—Asɛmti: Hyɛ Wo Bible Asuafo Nkuran Ma Wɔmfa Nnamfo Wɔ Asafo No Mu. (th adesua 20)
KRISTOFO ABRABƆ
Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo—Boa Afoforo: (Simma 5) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video no. Afei sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ne mmofra no bi nyɛ nhyehyɛe na bisabisa wɔn sɛ: Dɛn na mmofra betumi ayɛ de aboa afoforo?
Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ de boa afoforo?
“Nhyehyɛe a Asafo Ayɛ De Kyekye Betelfo Werɛ”: (Simma 10) Ɔkasa, nkɔmmɔbɔ, ne video.
Asafo Bible Adesua: (Simma 30) bt ti 2 ¶8-15
Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3)
Dwom 63 Ne Mpaebɔ