November 21-27
2 AHENE 9-10
Dwom 126 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 1)
BIBLE MU AKORADE
“Ɔdaa Akokoduru, Nsi, Ne Ahokeka Adi”: (Simma 10)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 10)
2Ah 10:29, 31—Mfomso a Yehu dii no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (w11 11/15 5 ¶7-8)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhu faa Yehowa, asɛnka adwuma no, anaa biribi foforo biara ho a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
Bible Akenkan: (Simma 4) 2Ah 9:1-14 (th adesua 10)
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 3) Fa asɛmti a wɔde ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ asɛnka no fi ase. Afei nhoma ahorow a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu no, ma no bi. (th adesua 1)
Sankɔhwɛ: (Simma 4) Fa asɛmti a wɔde ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ asɛnka no fi ase. Ka kyerɛ ofiewura no sɛ, yɛne nkurɔfo sua Bible a yennye sika biara, na fa Wubetumi Anya Anigye Daa! nhomawa no bi ma no. Afei ka kyerɛ no sɛ video a yɛato din Yɛne Obi Sua Bible a, Yɛyɛ no Sɛn? no, wopɛ sɛ wuyi kyerɛ no (nanso nyi). Wuwie a, wo ne no mmɔ video no ho nkɔmmɔ. (th adesua 12)
Ɔkasa: (Simma 5) w13 5/15 8-9 ¶3-6—Asɛmti: Suasua Yehowa Ne Yesu Nnamyɛ. (th adesua 16)
KRISTOFO ABRABƆ
Nea W’atipɛnfo Ka—Mmɔtohɔ: (Simma 5) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video no. Muwie a, bisa nsɛm a edidi so yi: Nneɛma bɛn na ebetumi ama obi ayɛ mmɔtohɔ? Sɛ yɛanyɛ mmɔtohɔ a, adɛn nti na ɛma yɛn ani gye?
“Nea Ɛbɛboa Wo Na Woanyɛ Mmɔtohɔ”: (Simma 10) Hwɛ kratafa 16. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Asafo Bible Adesua: (Simma 30) lff adesua 28
Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3)
Dwom 19 Ne Mpaebɔ