Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb21 November kr. 9
  • Sɛn Na Anuanom Mmea Betumi Atrɛw Wɔn Som Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛn Na Anuanom Mmea Betumi Atrɛw Wɔn Som Mu?
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Boa Anuanom Mmea
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Sɛnea Yehowa Bu Mmea No, Saa Ara Na Wo Nso Wubu Wɔn Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • ‘Mmea a Wɔreyɛ Adwumaden Wɔ Awurade Mu’
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Akwan a Wobɛfa So Atrɛw Wo Som Adwuma Mu
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
mwb21 November kr. 9
Mfoni: Anuanom mmea de anigye reyɛ nnwuma ahorow. 1. Onuawa bi nam asɛnka mu. 2. Onuawa bi reboa adansi adwuma. 3. Onuawa bi resiesie Ahenni Asa so. 4. Onuawa bi rekyerɛ onuawa foforo bi a n’ani afi sɛnea ɔde ne tablɛt bedi dwuma. 5. Onuawa bi reboa ne babea ama wama mmuae wɔ asafo nhyiam ase. 6. Anuanom mmea mmienu bi reyɛ asɛnka adwuma; baabi a wɔnam no, awɔw wom paa.

KRISTOFO ABRABƆ

Sɛn Na Anuanom Mmea Betumi Atrɛw Wɔn Som Mu?

Nea anuanom mmea yɛ de boa ma Ahenni adwuma no kɔ so no, ɛsɔ ani paa. (Dw 68:11) Wɔyɛ Bible adesua bebree, na wɔn mu pii nso yɛ daa akwampaefo. Ɛno da nkyɛn a, wɔn mu pii yɛ adwuma wɔ Betel, ebi yɛ asɛmpatrɛwfo, ebi boa ma wosisi adan ahorow a yɛde som Yehowa, na ebi nso kyerɛ yɛn nhoma ase kɔ kasa ahorow mu. Anuanom mmea a wɔn ho akokwaw nso hyɛ wɔn mmusua nkuran, na wɔboa ma asafo no mu yɛ hyew. (Mme 14:1) Ɛwom, anuanom mmea ntumi nsom sɛ asafo mu mpanyimfo anaa asomfo, nanso botae pii wɔ hɔ a wobetumi de asisi wɔn ani so wɔ asafo no mu. Sɛ woyɛ onuawa a, botae bɛn saa na wubetumi de asi w’ani so?

  • Bɔ mmɔden nya su ahorow a ɛbɛkyerɛ sɛ wo ho akokwaw.—1Ti 3:11; 1Pe 3:3-6

  • Boa anuanom mmea a wonni suahu pii no.—Tit 2:3-5

  • Yɛ asɛnka adwuma no pii na tu mpɔn wom

  • Wubetumi asua kasa foforo

  • Wubetumi akɔboa wɔ baabi a mmoa ho hia

  • Wubetumi akɔyɛ adwuma wɔ Betel, anaa woaboa ama wɔasisi adan a yɛde som Yehowa

  • Wubetumi akɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no bi

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN “MMEA A WƆREYƐ ADWUMADEN WƆ AWURADE ADWUMA NO MU” NO. WUWIE A, BUA SAA ASƐMMISA YI:

  • Sɛn na asɛm a anuanom mmea no mu biara kae no ahyɛ wo nkuran?

Video a yɛato din “Mmea a Wɔreyɛ Adwumaden Wɔ Awurade Adwuma No Mu” no, anuanom mmea mmiɛnsa a na wɔwom no na wɔn mfoni wɔ ha yi.”
    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena