November 22-28
ATEMMUFO 1-3
Dwom 126 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 1)
BIBLE MU AKORADE
“Ɔbarima Bi Daa Anifere Ne Akokoduru Adi”: (Simma 10)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 10)
Ate 2:10-12—Ɔkwan bɛn so na saa asɛm yi yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn? (w05 1/15 24 ¶7)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhu faa Yehowa, asɛnka adwuma no, anaa biribi foforo biara ho a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
Bible Akenkan: (Simma 4) Ate 3:12-31 (th adesua 5)
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
“Dɛn Na Wobɛyɛ Na Ama Anigye a Wode Yɛ Asɛnka Adwuma No Ayɛ Kɛse?—Bɔ Mpae Srɛ Yehowa Sɛ Ɔmmoa Wo”: (Simma 10) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video a yɛato din Mmoa a Yehowa De Ma Yɛn Wɔ Asuafoyɛ Adwuma No Mu No, Sɛ Yegye Tom a, Ɛbɛma Yɛn Ani Agye—Mpaebɔ no.
Bible Adesua: (Simma 5) lffi adesua 02 no nnianim asɛm ne nkyekyɛm 1-3 (th adesua 11)
KRISTOFO ABRABƆ
Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo—Sɛnea Wubesiesie Wo Ho Akɔ Asɛnka: (Simma 5) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video no. Afei sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma mmofra no bi mmra asɛnka agua no so na bisabisa wɔn sɛ: Sɛ yɛrekɔ asɛnka a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de siesie yɛn ho? Ntaade bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ kɔ asɛnka? Nneɛma bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ wɔ asɛnka mu?
“Nyansahyɛ Ahorow a Ebetumi Ama Asɛnka Nhyiam Ayɛ Kama”: (Simma 10) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ɔsom adwuma sohwɛfo no na ɔbɛyɛ dwumadi yi. Bisa atiefo ma wɔnka nea enti a ehia sɛ yedu asɛnka nhyiam ase ntɛm ansa na yɛafi ase.
Asafo Bible Adesua: (Simma 30) rr ti 16 ¶9-13, adaka 16A
Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3)
Dwom 29 Ne Mpaebɔ