August 16-22
DEUTERONOMIUM 27-28
Dwom 89 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 1)
BIBLE MU AKORADE
“Nhyira Yi Nyinaa Bebunkam Wo So”: (Simma 10)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 10)
Bible Akenkan: (Simma 4) De 28:1-14 (th adesua 11)
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 3) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Afei nhoma ahorow a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu no, ma no bi. (th adesua 6)
Sankɔhwɛ: (Simma 4) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Fa krataa a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo ba asafo nhyiam no bi ma ofiewura no. Afei video a yɛato din Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So? no, ka ho asɛm (nanso nyi). (th adesua 3)
Bible Adesua: (Simma 5) lv 204-205 ¶21-22 (th adesua 9)
KRISTOFO ABRABƆ
“Abɔde Ma Yehu Onyankopɔn Dɔ”: (Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video a yɛato din Abɔde Ma Yehu Yehowa Dɔ no.
Asafo Bible Adesua: (Simma 30) rr ti 12 ¶7-14
Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3)
Dwom 14 Ne Mpaebɔ