Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb20 August kr. 4
  • August 10-16

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • August 10-16
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
mwb20 August kr. 4

August 10-16

EXODUS 15-16

  • Dwom 149 Ne Mpaebɔ

  • Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

  • “To Dwom Yi Yehowa Ayɛ”: (Simma 10)

    • Ex 15:1, 2—Mose ne Israel mmarima too dwom yii Yehowa ayɛ (w95 10/15 11 ¶11)

    • Ex 15:11, 18—Yehowa fata sɛ yeyi no ayɛ (w95 10/15 11-12 ¶15-16)

    • Ex 15:20, 21—Miriam ne Israel mmea too dwom yii Yehowa ayɛ (it-2 454 ¶1; 698)

  • Tweetwee Bible Mu: (Simma 10)

    • Ex 16:13—Bere a Israelfo wɔ sare so no, Yehowa maa wɔn nkokɔhwerew wee. Ɛbɛyɛ sɛ adɛn nti na ɔde saa mmoa no maa wɔn? (w11 9/1 14)

    • Ex 16:32-34—Kuruwa a na mana gu mu no, ɛhefa na na wɔde si? (w06 1/15 31)

    • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhu faa Yehowa, asɛnka adwuma no, anaa biribi foforo biara ho a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

  • Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Ex 16:1-18 (th adesua 10)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

  • Nsrahwɛ a Edi Kan Ho Video: (Simma 4) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video no. Muwie a, bisa nsɛm a edidi so yi: Sɛn na Linda de nsɛmmisa a etu mpɔn dii dwuma? Ɔkwan bɛn so na ɔmaa asuade a ɛwɔ kyerɛwsɛm no mu daa adi?

  • Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no yɛ adwuma. Afei nhoma ahorow a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu no, ma no bi. (th adesua 3)

  • Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 5 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no yɛ adwuma. Afei video a yɛato din Yɛne Obi Sua Bible a, Yɛyɛ no Sɛn? no, ka ho asɛm (nanso nyi video no), na mommɔ ho nkɔmmɔ. (th adesua 9)

KRISTOFO ABRABƆ

  • Dwom 81

  • “Yɛ Akwampae Adwuma No Bi Fa Yi Yehowa Ayɛ”: (Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video a yɛato din Anuanom Mmiɛnsa Bi a Wɔwɔ Mongolia no. Bisabisa onua anaa onuawa bi a ɔwɔ mo asafo no mu nsɛm. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkwampaefo anaa obi a wasom sɛ ɔkwampaefo pɛn. Bisa no sɛ: Ɔhaw ahorow bɛn na wuhyiae wɔ akwampae adwuma no mu? Nhyira bɛn na wunyae?

  • Asafo Bible Adesua: (Simma 30 anaa nea ennu saa) jy ti 127, adaka ”Mogya Asase”

  • Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3 anaa nea ennu saa)

  • Dwom 16 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena