JULY 13-19
EXODUS 8-9
Dwom 12 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 1)
BIBLE MU AKORADE
“Ná Farao Ɔhantanfo No Nnim Sɛ Ɔreboa Ama Onyankopɔn Atirimpɔw Abam”: (Simma 10)
Ex 8:15—Farao pirim ne koma, enti wantie Mose ne Aaron (it-2 1040-1041)
Ex 8:18, 19—Farao akɔmfo no mpo gye toom sɛ wɔadi nkogu, nanso Farao de, ɔkɔɔ so pirim ne koma
Ex 9:15-17—Esiane sɛ na Yehowa pɛ sɛ nnipa nyinaa hu ne din nti, wansɛe Farao ntɛm (it-2 1181 ¶3-5)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 10)
Ex 8:25-27—Adɛn nti na Mose kaa sɛ afɔre a Israelfo no bɛbɔ no yɛ ‘biribi a Egyptfo kyi’? (w04 3/15 25 ¶9)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhu faa Yehowa Nyankopɔn, asɛnka adwuma no, anaa biribi foforo biara ho a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Ex 8:1-19 (th adesua 12)
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Nsrahwɛ a Edi Kan Ho Video: (Simma 4) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video no. Afei bisa nsɛm yi: Bere a ofiewura no kaa asɛm bi de yii ne ho ano no, dɛn na ɔdawurubɔfo no yɛɛ wɔ ho? Nhoma a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu no, sɛn na anka ɔdawurubɔfo no betumi aka ebi ho asɛm akyerɛ ofiewura no?
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 2 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no yɛ adwuma. (th adesua 6)
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Ofiewura no de asɛm bi a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano wɔ mo asaasesin mu betwa w’ano, nanso fa ɔkwan bi so boa no, na toa w’asɛm no so. (th adesua 3)
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Nhoma ahorow a yɛde sua Bible no, ma no bi. (th adesua 12)
KRISTOFO ABRABƆ
“Ntu Wo Ho; Brɛ Wo Ho Ase”: (Simma 7) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video a yɛato din Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo—Brɛ Wo Ho Ase no. Woyi video no wie na sɛ mmofra wɔ hɔ a, ma wɔn mu bi mmra asɛnka agua no so, na bisabisa wɔn video no mu nsɛm.
“Sɛ Afoforo Kamfo Wo Mpo a, Brɛ Wo Ho Ase”: (Simma 8) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video a yɛato din Sɛ Wɔkamfo Wo Mpo a, Di Nokware Te Sɛ Yesu no.
Asafo Bible Adesua: (Simma 30 anaa nea ennu saa) jy ti 123, adaka a “Ne Ho Fifiri Yɛɛ Sɛ Mogya a Ɛresosɔ”
Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3 anaa nea ennu saa)
Dwom 44 Ne Mpaebɔ