June 22-28
EXODUS 1-3
Dwom 7 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 1)
BIBLE MU AKORADE
“Mɛyɛ Me Ho Nea Mepɛ Sɛ Meyɛ”: (Simma 10)
[Yi video a yɛato din Exodus Nhoma No Nnianim Nsɛm no.]
Ex 3:13—Ná Mose pɛ sɛ ohu onii a edin Yehowa da ne so no yiye (w13 3/15 25 ¶4)
Ex 3:14—Yehowa betumi ayɛ ne ho nea ɔpɛ biara ama n’atirimpɔw abam (kr 43, adaka)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 10)
Ex 2:10—Adɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Farao babea no tew Mose hwɛɛ no? (g04 4/8 21-22)
Ex 3:1—Ná Yetro yɛ ɔsɔfo bɛn? (w04 3/15 24 ¶4)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhu faa Yehowa Nyankopɔn, asɛnka adwuma no, anaa biribi foforo biara ho a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Ex 2:11-25 (th adesua 11)
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Ofiewura no de asɛm bi a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano wɔ mo asasesin mu betwa w’ano, nanso fa ɔkwan bi so boa no na toa w’asɛm no so. (th adesua 16)
Sankɔhwɛ: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Afei, nsɛmma nhoma a aba foforo a ɛfa asɛm bi a ofiewura no kae ho no, ma no bi. (th adesua 12)
Ɔkasa: (Simma 5 anaa nea ennu saa) w02 6/15 11 ¶1-4—Asɛmti: Biribi a Ɛsom Bo Koraa Sen Egypt Ahonyade. (th adesua 13)
KRISTOFO ABRABƆ
Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo—Yehowa Din: (Simma 6) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video no. Afei sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma mmofra no bi mmra asɛnka agua no so na bisabisa wɔn sɛ: Yehowa din no kyerɛ sɛn? Nneɛma bɛn na Yehowa abɔ? Sɛn na Yehowa betumi aboa wo?
Wɔmaa Yehowa Din No So Wɔ Scandinavia: (Simma 9) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video no. Afei bisa sɛ: Ansa na afe 1500 reba no, adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ na nnipa pii nnim Yehowa din no? Ɛyɛɛ dɛn na nnipa fii ase de Yehowa din no dii dwuma wɔ Scandinavia? Dɛn nti na w’ani gye Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no ho?
Asafo Bible Adesua: (Simma 30 anaa nea ennu saa) jy ti 120
Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3 anaa nea ennu saa)
Dwom 104 Ne Mpaebɔ