KRISTOFO ABRABƆ
Sɛ “Ɔhonam Mu Nsɔe” Bi Reteetee Wo Mpo a, Wubetumi Adi Nkonim!
Nna a edi akyiri yi mu no, ɔhaw ahorow a ɛte sɛ nsɔe reteetee Onyankopɔn asomfo. (2Ti 3:1) Yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔbɛboa yɛn ama yɛagyina ɔhaw ahorow a ɛtete saa mu akosi awiei. Yɛbɛyɛ no sɛn? Hwɛ video a yɛato din “Anifuraefo Ani Bebue” no, na wubehu nea Talita Alnashi ne n’awofo yɛe. Wuwie a, bua nsɛmmisa a edidi so yi:
“Ɔhonam mu nsɔe” bɛn na ɛreteetee Talita?
Bible bɔhyɛ bɛn na aboa Talita ne n’awofo ama wɔakɔ so anya wɔn tebea no ho adwempa?
Bere a wɔyɛɛ Talita oprehyɛn akyi pɛɛ no, dɛn na n’awofo yɛ de kyerɛe sɛ wɔde wɔn ho ato Yehowa so?
Ɔkwan bɛn so na Talita awofo de nnwinnade a asafo no ayɛ adi dwuma de adua Onyankopɔn ho dɔ wɔ Talita komam?
Ɛmfa ho sɛ “ɔhonam mu nsɔe” reteetee Talita no, nneɛma bɛn na ɔyɛ de kyerɛ sɛ ɔrenya honhom fam nkɔso?
Nea Talita refa mu no, sɛn na ahyɛ wo den?