May 20-26
2 KORINTOFO 11-13
Dwom 3 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 3 anaa nea ennu saa)
BIBLE MU AKORADE
“‘Ɔhonam Mu Nsɔe’ a Na Ɛreteetee Paulo”: (Simma 10)
2Ko 12:7—Paulo hyiaa ɔhaw bi a na ɛreteetee no te sɛ nsɔe a ɛwowɔ (w08 6/15 3-4)
2Ko 12:8, 9—Bere a Paulo srɛɛ Yehowa sɛ onyi nsɔe no, wanyi (w06 12/15 24 ¶17-18)
2Ko 12:10—Paulo de ne ho too honhom kronkron so, na ɛboaa no ma otumi yɛɛ ne som adwuma no (w18.01 9 ¶8-9)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 8)
2Ko 12:2-4—Ɛbɛyɛ sɛ “ɔsoro a ɛto so abiɛsa” ne “paradise” no kyerɛ sɛn? (w18.12 8 ¶10-12)
2Ko 13:12—Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ na “mfewano kronkron” kyerɛ? (it-2-E 177)
Dɛn na nnawɔtwe yi Bible akenkan ama woasua afa Yehowa ho?
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, ade foforo bɛn na wuhui?
Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) 2Ko 11:1-15 (th adesua 5)
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Sankɔhwɛ a Edi Kan Ho Video: (Simma 5) Yi video no na munsusuw ho.
Sankɔhwɛ a Edi Kan: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no yɛ adwuma. (th adesua 2)
Sankɔhwɛ a Edi Kan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Afei fa Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no kyerɛ no, na ka ho asɛm. (th adesua 4)
KRISTOFO ABRABƆ
“Sɛ ‘Ɔhonam Mu Nsɔe’ Bi Reteetee Wo Mpo a, Wubetumi Adi Nkonim!”: (Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video a yɛato din “Anifuraefo Ani Bebue” no. Ma anuanom nhu sɛ yɛayɛ nhoma ahorow bi a wobetumi de aboa anifuraefo ne wɔn a wonhu ade papa. Ɛwɔ braille kasa 47 mu, na ɛlɛtrɔnik de nso wɔ hɔ. Adawurubɔfo a wɔpɛ bi no nka ho asɛm nkyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no, na ɔbɛkra bi ama wɔn. Hyɛ anuanom nyinaa nkuran sɛ wɔnhwɛ wɔn asafo anaa wɔn asasesin no mu nhwɛ sɛ obi a n’ani afura anaa onhu ade papa wɔ hɔ anaa. Sɛ saa a, wɔmmoa no.
Asafo Bible Adesua: (Simma 30) jy ti 67
Ntĩmu Ne Nea Yebesua Nnawɔtwe a Edi Hɔ (Simma 3)
Dwom 78 Ne Mpaebɔ