September 10-16
YOHANE 3-4
Dwom 57 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 3 anaa nea ennu saa)
BIBLE MU AKORADE
“Yesu Dii Samariani Bea Bi Adanse”: (Simma 10)
Yoh 4:6, 7—Ɛwom sɛ na Yesu abrɛ de, nanso ofii ase ne Samariani bea bi bɔɔ nkɔmmɔ (nwtsty Yoh 4:6 ho adesua asɛm)
Yoh 4:21-24—Adanse a Yesu dii wɔ bɔnnɔ so no maa nnipa bebree bɛtee asɛmpa no
Yoh 4:39-41—Mmɔden a Yesu bɔe no maa Samariafo pii gyee no dii
Tweetwee Bible Mu: (Simma 8)
Yoh 3:29—Yɛbɛte kyerɛwsɛm yi ase sɛn? (nwtsty adesua asɛm)
Yoh 4:10—Asɛm “nkwa nsu” a Yesu de yɛɛ adwuma no, ɛbɛyɛ sɛ Samariani bea no tee ase sɛn, nanso dɛn ho asɛm na na Yesu reka? (nwtsty adesua asɛm)
Dɛn na nnawɔtwe yi Bible akenkan ama woasua afa Yehowa ho?
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, ade foforo bɛn na wuhui?
Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Yoh 4:1-15
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 2 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no yɛ adwuma.
Sankɔhwɛ a Edi Kan Ho Video: (Simma 5) Yi video no na munsusuw ho.
Ɔkasa: (Simma 6 anaa nea ennu saa) wp16.2 9 ¶1-4—Asɛmti: Yohane 4:23 Ho Nkyerɛkyerɛmu.
KRISTOFO ABRABƆ
“Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Wo Ne Nkurɔfo Mmɔ Nkɔmmɔ a Ebetumi Abue Kwan Ama Woadi Wɔn Adanse”: (Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Sɛ worewie a, hyɛ anuanom nkuran na obiara mfa nsi n’ani so sɛ anyɛ yiye koraa no, ɔne nipa baako bɛkasa nnawɔtwe no mu. Nnawɔtwe a edi hɔ no, adawurubɔfo benya kwan aka wɔn suahu.
Asafo Bible Adesua: (Simma 30) jy ti 35 ¶20-27, adaka “Ɔtii Nsɛm Mu De Sii Nneɛma So Dua”
Ntĩmu Ne Nea Yebesua Nnawɔtwe a Edi Hɔ (Simma 3)
Dwom 35 Ne Mpaebɔ