December 4-10
SEFANIA 1–HAGAI 2
Dwom 27 ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 3 anaa nea ennu saa)
BIBLE MU AKORADE
“Monhwehwɛ Yehowa Ansa na N’abufuw Da no Aba”: (Simma 10)
[Yi video a yɛato din Sefania Nhoma no Nnianim Nsɛm.]
Sef 2:2, 3—Monhwehwɛ Yehowa, monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase (w01 2/15 18-19 ¶5-7)
[Yi video a yɛato din Hagai Nhoma no Nnianim Nsɛm.]
Tweetwee Bible Mu: (Simma 8)
Sef 1:8—Kɔkɔbɔ bɛn na ɛwɔ kyerɛwsɛm yi mu? (w07 11/15 11 ¶3)
Hag 2:9—Akwan bɛn so na na Serubabel asɔrefie no anuonyam kyɛn Solomon asɔrefie no? (w07 12/1 9 ¶2)
Dɛn na nnawɔtwe yi Bible akenkan ama woasua afa Yehowa ho?
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, ade foforo bɛn na wuhui?
Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Hag 2:1-14
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Siesie Nsɛm a Wode Bɛyɛ Adwuma Bosome Yi: (Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Egyina “Nsɛm a Yebetumi Aka” ho video no so. Wuyi ebiara wie a, munsusuw nsɛntitiriw no ho. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmfa Nyan! No. 6 2017 mma nnipa pii. Nanso esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛne nkurɔfo kasa tẽẽ nti sɛ yɛankɔto obi wɔ fie a, ɛnsɛ sɛ yegyaw bi wɔ hɔ.
KRISTOFO ABRABƆ
Asafo mu Ahiade: (Simma 5) Sɛnea Yɛbɛyɛ Yɛn Asɛnka Adwuma Ho Kyerɛwtohɔ Pɛpɛɛpɛ na Yɛde Ama Ntɛm. Ɔkasa. Ɔsom adwuma sohwɛfo na ɔbɛma. Egyina od ti 8 nky. 23-29 so.
Kasa Kronn no De Asomdwoe ne Biakoyɛ Ba (Sef 3:9): (Simma 10) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Egyina August 15, 2012, Ɔwɛn-Aban, kratafa 12, nkyekyɛm 4 so. Yi video a yɛato din Na Wɔyɛ Atamfo Nanso Wɔabɛyɛ Nnamfo.
Asafo Bible Adesua: (Simma 30) kr ti 22 ¶8-16
Ntĩmu ne Nea Yebesua Nnawɔtwe a Edi Hɔ (Simma 3)
Dwom 22 ne Mpaebɔ