May 8-14
YEREMIA 35-38
Dwom 33 ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 3 anaa nea ennu saa)
BIBLE MU AKORADE
“Ebed-Melek—Ɔbarima Kokodurufo a Odwen Nnipa Ho”: (Simma 10)
Yer 38:4-6—Nnipa ho suro nti, Sedekia maa atamfo de Yeremia too abura bi a atɛkyɛ wom mu sɛ onwu (it-2-E 1228 ¶3)
Yer 38:7-10—Ebed-Melek de akokoduru yɛɛ ade ntɛm so de boaa Yeremia (w12 5/1 31 ¶2-3)
Yer 38:11-13—Ebed-Melek kyerɛe sɛ odwen nnipa ho (w12 5/1 31 ¶4)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 8)
Yer 35:19—Adɛn nti na wohyiraa Rekabfo no? (it-2-E 759)
Yer 37:21—Ɛdɛn na Yehowa yɛe de hwɛɛ Yeremia? Sɛ amanehunu to yɛn a, ɔkwan bɛn so na wei betumi ahyɛ yɛn nkuran? (w98 1/15 18 ¶16-17; w95 8/1 5 ¶5-6)
Dɛn na nnawɔtwe yi Bible akenkan ama woasua afa Yehowa ho?
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, ade foforo bɛn na wuhui?
Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Yer 36:27–37:2
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 2 anaa nea ennu saa) wp17.3 asɛm a ɛda so—Yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe.
Sankɔhwɛ: (Simma 4 anaa nea ennu saa) wp17.3 asɛm a ɛda so—Fa asɛm bi gyaw no na da foforo moasusuw ho.
Bible Adesua: (Simma 6 anaa nea ennu saa) jl adesua 26
KRISTOFO ABRABƆ
“Mmeae a Yehyiam Som no, Yɛnhwɛ so Yiye”: (Simma 15) Nsɛmmisa ne mmuae. Asafo mu panyin na ɔbɛyɛ. Yi video a yɛato din Mmeae a Yehyiam Som no, Yɛnhwɛ so Yiye na munsusuw nsɛmmisa no ho. Muwie a, onua a ɔwɔ mo asafo mu a ɔka Ahenni Asa Sohwɛ Boayikuw ho no, bisabisa no nsɛm tiawa. (Sɛ obiara nni mo asafo mu a ɔka saa boayikuw no ho a, ɛnde bisabisa mpanyimfo ntam nkitahodifo no nsɛm. Sɛ mo asafo no nko ara na ehyia wɔ Ahenni Asa no so a, bisabisa onua a ɔhwɛ ma wosiesie hɔ no nsɛm.) Adwuma bɛn na yɛayɛ wɔ Ahenni Asa no ho nnansa yi ara, na nea ɛwɔ he na moayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ? Obi wɔ nimdeɛ a ɔde bɛboa a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Na sɛ obi nni ho nimdeɛ nso ɔpɛ sɛ ɔne wɔn a ɛwɔ ho nimdeɛ no bom yɛ adwuma na osua a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Sɛ yɛn tebea te sɛn oo, ɛte sɛn oo, ɛdɛn na yɛn nyinaa betumi ayɛ de ahwɛ Ahenni Asa no so yiye?
Asafo Bible Adesua: (Simma 30) kr ti 12 ¶9-15, nnaka “Sɛnea Wɔmaa Asafo no Sohwɛ Tuu Mpɔn” ne “Sɛnea Akwankyerɛ Kuw no Hwɛ Ahenni Nneɛma So”
Ntĩmu ne Nea Yebesua Nnawɔtwe a Edi Hɔ (Simma 3)
Dwom 125 ne Mpaebɔ