Nkaebɔ Ahorow
◼ Nwoma a yɛde bɛma February: Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ!, Tie Onyankopɔn, anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa. March ne April: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! May: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? anaa nkratawa a ɛdidi so yi mu biara: Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn? (T-30), Wohwɛ a, Dɛn na Ebesi Daakye? (T-31), Dɛn na Ɛde Anigye Ba Abusua Mu? (T-32), Hena Paa na Odi Wiase Yi So? (T-33), Enti Amanehunu To Betwa Da Bi? (T-34).
◼ Afe 2015 Nkaedi bere mu baguam ɔkasa titiriw no asɛmti ne “Onyankopɔn Ahyɛ Bɔ Sɛ Mmusua Bɛnya Anigyeɛ a Ɛdi Mu.”