Fa Nsi Di Yesu Ho Adanse
Sɛ yɛhu sɛnea yɛbɛka Yesu ho asɛm akyerɛ afoforɔ a, ɛbɛka yɛn ma yɛabɔ nnwuma pa ho mmɔden. Yesu ne fapem a wɔato nokware gyidi no asi so. (Efe. 2:20) Sɛ ɛnyɛ Yesu a, anka yɛnni anidaso biara sɛ yɛbɛnya nkwa. (Aso. 4:12) Enti ɛhia sɛ obiara hu dwuma titiriw a Onyankopɔn de Yesu di. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛhyira wɔn a wɔkyerɛ Yesu mu gyidi nyinaa. Nanso atorɔ nkyerɛkyerɛ ama nnipa pii ayera, na sɛ yɛammoa wɔn a, wɔbɛtumi ahwere saa nhyira no. Sɛ yɛma nokware no dɛre wɔ yɛn mu a, ɛbɛka yɛn ma yɛaboa nnipa pii ma wɔahu Yesu yie. Ɛbɛma wɔahu nsonsonoe a ɛda ɔne Onyankopɔn ntam, ne adwuma a Onyankopɔn de no redi. Ɛnneɛ, ɛdu Nkaedi bere a, wode nsi bɛdi Yesu ho adanse?