Ɔsom Adwuma Nkɔsoɔ
Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛbɔ mo amanneɛ sɛ August 2014 no, yɛnyaa nkɔanim foforɔ! Yɛmaa nkratawa ne nwomawa 4,037,351 ne nsɛmma nwoma 2,133,795. Yɛyɛɛ sankɔhwɛ 1,582,089 ne Bible adesua 426,404. Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛnyaa adawurubɔfoɔ 125,443. Wei yɛ nkɔanim foforɔ koraa. Sɛ yɛde toto August 2013 deɛ ho a, ɛkyerɛ sɛ yɛnyaa adawurubɔfoɔ foforɔ 7,162 bɛkaa ho.
Yɛda Yehowa ase sɛ wahyira Ahennie asɛmpaka adwuma a yɛn nuanom mmarima ne mmaa ayi wɔn yam reyɛ no so. (Dw. 54:6) Yɛda mo nyinaa ase sɛ motuu mo ho yɛɛ mo fam deɛ dɛ boaa ɔsom adwuma no.