Hokwan Biara a Wobɛnya no, Fa Ka Ahennie no Ho Asɛm!
1. Yɛhwɛ nea Dawid yɛeɛ no a, dɛn na yɛbɛtumi asua afiri mu?
1 Ɔhene Dawid yɛ obi a, sɛ ɔkɔ tebea bi mu a na ɔmma no nyɛ osiakwan wɔ n’asetena mu. Wo deɛ, hwɛ berɛ a na ɔpɛ sɛ ɔsi asɔrefie ma Yehowa no; Yehowa amma no kwan, nanso Dawid amma n’abam ammu ampɛ ne baabi antena. Mmom ɔyeree ne ho boaboaa nneɛma a wɔde bɛsi asɔrefie no ano guu hɔ maa Solomon. (1 Ahe. 8:17-19; 1 Be. 29:3-9) Dawid amfa n’adwene ansi nea na ɔrentumi nyɛ so; mmom ɔde n’adwene sii nea ɔbɛtumi ayɛ so. Yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛde hokwan biara a yɛbɛnya ka Ahennie no ho asɛm. Ɛnneɛ, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Dawid?
2. Nhwehwɛmu bɛn na yɛbɛtumi ayɛ wɔ yɛn ankasa ho?
2 Yɛ Nea Wobɛtumi Nyinaa: Ebinom ayɛ wɔn ho awiɛmfoɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi ayɛ akwampae aboafoɔ anaa daa akwampaefoɔ. (Mat. 6:22) Wo nso wobɛtumi ayɛ bi anaa? Sɛ wode mpaebɔ susu wo tebea ho a, ebia wobɛhunu sɛ “dwumadie kɛseɛ bi pono” abue ama wo. Sɛ wohu saa a, mma no ntwam nkɔ!—1 Kor. 16: 8, 9.
3. Sɛ yɛrentumi nyɛ akwampae adwuma no bi mpo a, hokwan afoforɔ bɛn na yɛbɛtumi de adi adanseɛ?
3 Sɛ wo tebea mma wontumi nyɛ akwampae adwuma no bi nso ɛ? Mmu w’ani ngu hokwan afoforɔ a wowɔ no so. Sɛ adwuma a woyɛ no ma wo ne wɔn a wɔnyɛ Adansefoɔ pii bɔ a, adɛn nti na womfa hokwan a wobɛnya no nni wɔn adanseɛ? Anaa ebia woyare, na ɛhia sɛ ayaresafoɔ hwɛ wo berɛ ne berɛ mu. Adɛn nti na womfa hokwan biara a wobɛnya no nni wɔn adanseɛ? Kae sɛ wɔayɛ nhyehyɛeɛ ama wɔn a yareɛ a emu yɛ den anaa onyini nti wɔntumi nyɛ pii no. Enti sɛ saafoɔ yi de simma 15 yɛ asɛnka adwuma no bosome biara mpo a, wɔbɛtumi abu ho akonta. Sɛ wodi obi adanseɛ bɔnnɔ so, woma Nkaedie ne nhyiamu nsatoɔ krataa anaa nwoma foforɔ biara a, bosome sõ a, kae na fa ne nyinaa ka w’asɛnka akontabuo no ho. Sɛ wokeka berɛ no nyinaa bom a, nea wobɛnya no bɛyɛ wo nwanwa; wobɛhunu sɛ hokwan nketenkete a woamma antwam ankɔ no so wɔ mfasoɔ!
4. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?
4 Sɛnea yɛn tebea teɛ biara no, momma yɛmfa hokwan a yɛbɛnya biara nka asɛmpa no. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn ani bɛgye ɛfiri sɛ yɛreyɛ nea yɛbɛtumi nyinaa de aboa Ahennie adwuma no.—Mar. 14:8; Luka 21:2-4.