Ɔsom Adwuma Nkɔso
Wɔ March, April ne May asram no mu no, wɔpaw daa akwampaefo bɛboro 230 ma wɔkɔyɛɛ bere tiaa mu akwampaefo titiriw wɔ mmeae a atew ne ho mu. Nhyehyɛe yi a yɛyɛ no afe biara no ama anuanom pii anya asɛnka adwuma no ho anigye kɛse na aboa ma wɔreka asɛm no wɔ nsasesin foforo mu. Ɛwom sɛ akwampaefo a wɔyɛ nsi yi wie wɔn adwuma no a wɔbɛsan akɔ wɔn asafo ahorow mu de, nanso momma anigye ne nsi a wɔde yɛ adwuma no nhyɛ yɛn nyinaa nso nkuran mma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ Yehowa som mu.—1 Kor. 15:58.