Ɔsom Adwuma Nkɔso
Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛrebɔ mo amanneɛ sɛ yenyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛsen biara 93,566 wɔ April ɔsram a na ɛyɛ Nkaedi bere no mu! Yɛma mo nyinaa ayekoo wɔ adwumaden a moyɛe no ho. Na yɛhyɛ mo nkuran sɛ monkɔ so mmoa adawurubɔfo a wɔyɛ foforo no ma wontu mpɔn.