Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/08 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2008
Yɛn Ahenni Som—2008
km 9/08 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden paa sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi dedaw a, monkyerɛ wɔn sɛnea yɛyɛ Bible adesua tiawa ne sɛnea wobenya so mfaso. October: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Baabi a wɔbɛkyerɛ ho anigye no, momfa So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa no mma wɔn, a atirimpɔw no ne sɛ mo ne wɔn befi Bible adesua ase. November: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden paa sɛ mubefi Bible adesua ase. December: Momfa Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no mma. Sɛ ebinom ka sɛ wɔwɔ mma a, momfa Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No mma wɔn.

◼ Esiane sɛ adapɛn awiei anum na ɛwɔ November mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma.

◼ Wɔbɛma afe 2009 Nkaedi bere mu ɔkasa titiriw no wɔ dapɛn a efi ase April 20, 2009, mu. Yɛde ɔkasa no asɛmti no bɛma akyiri yi. Asafo ahorow a wɔn ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 20, adu.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no fi ase kra 2008 Ɔwɛn-Aban ne Awake! bound volume ahorow, Watch Tower Publications Index 2008, ne Watchtower Library−2008 Edition a ɛwɔ CD-ROM so no ka nhoma a edi hɔ a wɔbɛkra no ho. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ nnipa a wɔwɔ asafo no mu nkutoo na mubetumi akra Watchtower Library−2008 Edition no ama wɔn, na wɔde fa asafo no nkutoo so. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔde Watchtower Library di dwuma kɛse, na wɔmfa bound volume ahorow nni dwuma bio no susuw ho hwɛ sɛ ebia ehia sɛ wɔkra bound volume ahorow anaa.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm ma June, July, ne August asram no mu. Ɛnsɛ sɛ onipa koro no ara yɛ toatoa so. Sɛ wɔyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.—Hwɛ Instructions for Congregation Accounting (S-27).

◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo hyehyɛ Congregation Analysis Report (S-10) no yiye na wɔde mena Betel adwumayɛbea no ansa na September 6, 2008 atwam. Ɛsɛ sɛ ɔsom boayikuw no hwɛ sɛ wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ ansa na wɔde amena. Sɛ muhia nkyerɛkyerɛmu bi wɔ asɛmmisa pɔtẽẽ bi a ɛwɔ kratasin no so ho a, yɛsrɛ sɛ momfrɛ “Report Desk” a ɛwɔ Betel no.

◼ Yɛde Kingdom Hall Maintenance Checklist (CN-14) no amena asafo ahorow nyinaa. Yɛsrɛ sɛ montɔ mo bo ase nhyehyɛ kratasin no. Ɛsɛ sɛ asafo a wɔn din da Ahenni Asa no so no de krataa a wɔahyehyɛ awie no mena Betel ansa na September 10 atwam.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena