Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase June 30, 2008 no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 30 bɛyɛ ntĩmu a egyina May 5 kosi June 30, 2008 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-37.]
ƆKASA SU
1. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama nkurɔfo ate mfatoho a yɛde di dwuma no ase? [be-TW kr. 242 nky. 4–kr. 243 nky. 1]
2. Dɛn nti na mfatoho a asete nyɛ den a ɛfa nneɛma a nkurɔfo nim no yiye ho no yɛ nea etu mpɔn? [be-TW kr. 245 nky. 2-4]
3. Ɔkwan bɛn so na mfonini a wɔde di dwuma ma etu mpɔn ho hia, na ɔkwan bɛn so na Yehowa de dii dwuma de maa nkurɔfo nyaa asuade a ɛho hia? (Gen. 15:5; Yer. 18:6; Yona 4:10, 11) [be-TW kr. 247 nky. 1-2]
4. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de mfonini adi dwuma ma yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn? [be-TW kr. 248 nky. 1-3]
5. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ yɛn Bible asuafo a, ɔkwan bɛn so na yebetumi de asase mfonini ahorow adi dwuma ma wɔate ase? [be-TW kr. 248 nky. 4]
DWUMADI 1
6. Sɛ yesua Bible no a, dɛn na Onyankopɔn honhom kronkron no bɛboa yɛn ma yɛahu? [be-TW kr. 32 nky. 3-4]
7. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Bible no ankasa ayɛ kyerɛwsɛm bi ho nhwehwɛmu ahu nea ɛkyerɛ? [be-TW kr. 34 nky. 4–kr. 35 nky. 2]
8. Ɔkwan bɛn so na wɔasi so dua sɛ Yesu ne obi a Yehowa nam no so behyira adesamma wɔ Yohane Asɛmpa no mu? [bsi08-1-TW kr. 13 nky. 32]
9. Kyerɛwnsɛm mu asɛm bɛn na yebetumi agyina so aka sɛ oduruyɛfo Luka na ɔkyerɛw Asomafo Nnwuma no? [bsi08-1-TW kr. 15 nky. 5-7]
10. Ɔkwan bɛn na obi betumi afa so ahyehyɛ kratasin biara a wɔhwɛ so ma ɔkasa? [be-TW kr. 39-41]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Asɔrefie bɛn na “wɔde mfe aduanan asia” sii no? (Yoh. 2:20) [w08-TW 4/15 “Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa—Yohane Nhoma no Mu Nsɛntitiriw”]
12. Henanom ne wɔn a ‘wɔafi owu mu aba nkwa mu’ no? (Yoh. 5:24, 25) [w08-TW 4/15 “Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa—Yohane Nhoma no Mu Nsɛntitiriw”]
13. Dɛn nti na bere a wɔreka ɔboafo anaa nokware honhom no ho asɛm no, wɔde edin nsiananmu a enni ɔbarima anaa ɔbea kabea mu a ɛne “no,” (wɔ Borɔfo kasa mu “it,”) na edii dwuma wɔ Hela nkyerɛwee no mu wɔ Yohane 14:16, 17, ná wɔde edin nsiananmu a ɛwɔ ɔbarima kabea mu a ɛne “ɔno,” (wɔ Borɔfo kasa mu “him” ne “he,”) na edii dwuma wɔ Yohane 16:7, 8, 13, 14 mu? [w08-TW 4/15 “Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa—Yohane Nhoma no Mu Nsɛntitiriw”]
14. Dɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ Maria Magdalene sɛ onnyae ne mu? (Yoh. 20:17) [w08-TW 4/15 “Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa—Yohane Nhoma no Mu Nsɛntitiriw”]
15. Asɛm a ɛne sɛ “sɛnea” Yesu kɔɔ soro no saa “ara” na ɔbɛba no kyerɛ dɛn? (Aso. 1:9-11) [rs-E kr. 342 nky. 4; it-1-E kr. 186 nky. 8]