Asɛmmisa Afã
● Hena na ɛsɛ sɛ ne nsa ka Yɛn Ahenni Som no bi?
Wɔasiesie Yɛn Ahenni Som no na ɛde mmoa ne nkuranhyɛ ama wɔn a wonya asɛnka adwuma no mu kyɛfa no. Enti ɛnyɛ nea wɔkyekyɛ ma obiara kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔabɔ asu ne wɔn a wɔmmɔɔ asu nyinaa nsa ka bi. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔba Ɔsom Nhyiam daa a wɔrebɔ mmɔden sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛkɔ asɛnka no nso nya bi. (Mmofra a wɔanyin a wobetumi de adi dwuma yiye nso ka ho.) Monhwɛ sɛ mode biako bɛto Ahenni Asa no nhomakorabea. Ɛnsɛ sɛ wɔma nnipa a wɔatu wɔn no Yɛn Ahenni Som no bi.
Asafo ahorow bi ahu sɛ eye sɛ wɔbɛkyerɛw wɔn a wɔfata sɛ wonya bi no nyinaa din, na afei wɔkyekyɛ din no mu sɛnea Asafo Nhoma Adesua akuw dodow a wɔwɔ no te. Adesua so ahwɛfo no betumi de din yi adi dwuma de akyekyɛ, na ebi mpo a wɔakyerɛw obiara din wɔ ne de so fɛfɛɛfɛ. Ɛsɛ sɛ obiara a ne nsa ka Yɛn Ahenni Som no bi no hwɛ so yiye, na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn sɛnea wɔde besiesie wɔn ho ama Ɔsom Nhyiam ne asɛnka. Nnipa pii ahu sɛ eye sɛ wɔde Yɛn Ahenni Som a ɛba no biara bi sie wɔ wɔn ankasa teokrase nhomakorabea na wɔde adi dwuma akyiri yi.