Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/08 kr. 6
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2008
Yɛn Ahenni Som—2008
km 3/08 kr. 6

Asɛmmisa Afã

◼ So ɛyɛ mfomso sɛ ɔbea ne ɔbarima a wɔnyɛ abusuafo a wɔbɛn anaa awarefo bɛhyɛ dan mu atom?

Amanneɛbɔ a Asafo ti no nsa aka kyerɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea bi a wɔnyɛ awarefo anaa abusuafo a wɔbɛn, te sɛ ɛna, honam fam nuabarima anaa nuabea nkutoo taa hyɛ dan mu tom. Ebinom susuw sɛ sɛ ɔbrasɛe bi ankɔ so a, mfomso nni ho sɛ wɔn baanu nkutoo bɛhyɛ dan mu atom. So saa adwene yi teɛ?

Nyansa nnim koraa sɛ ɔbea ne ɔbarima a wɔnyɛ awarefo anaa abusuafo a wɔbɛn, nkutoo bɛhyɛ ɔdan koro mu atom, efisɛ ebetumi akowie efĩ anaa ahohwibra mu, titiriw wɔ wɔn a wɔreyɛ aware nhyehyɛe no fam. Ebetumi ama wɔn a wohu no nso adwenem ayɛ wɔn nãã wɔ Adansefo nokwaredi ho anaasɛ ebetumi ato ebinom hintidua mpo. Ɔbea ne ɔbarima a wɔbɛda dan koro mu ma ade akye wɔ saa tebea a ɛmfata yi mu no bɛyɛ bɔne a anibere wom a ɛbɛhwehwɛ sɛ mpanyimfo ma asɛnni boayikuw di ho asɛm.—Mmeb. 22:3; Gal. 5:19; Mat. 18:6, 7.

So yebetumi akwati tebea a ɛte saa? Yiw. Mmea ne mmarima bi tɔ asiane mu wɔ saa kwan yi so bere a wobu wɔn ani gu kɔkɔbɔ a anuanom a wodwen wɔn ho de ma wɔn mfiase no so no. (1 Kor. 6:18; Mmeb. 18:12) Afoforo ama kwan ma gye a wogye wɔn ho di dodo ne te a wɔte nka sɛ biribiara ntumi nsi no asum wɔn afiri. (Fa toto Mmebusɛm 6:27 ho.) Sɛ ebinom nom nsa a, wontumi nhyɛ wɔn ho so, na wɔtɔ asiane mu. Ɛnde, hwɛ sɛnea mfaso wɔ so sɛ yebetie afotu a ɛwɔ Hosea 4:11 no: “Aguamammɔ ne nsã ne mmosa sɛe ntease.”

Wotu Kristofo mmarima ne mmea fo daa sɛ ‘wɔn ani nna hɔ na wɔnwɛn’ bere a wɔredi nkitaho no, sɛnea ɛbɛyɛ a Satan rennya wɔn. (1 Pet. 5:8) Eyi hwehwɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ mmara wɔ Betel sɛ Betel abusua no mufo bebue wɔn pon ano ato hɔ bere a wɔne ɔbea anaa ɔbarima bi a ɔnyɛ wɔn aware mu hokafo anaa obusuani bi a ɔbɛn wɔn nkutoo wɔ dan mu no. Eyi bɔ wɔn ho ban fi sɔhwɛ ho. (Mat. 6:13) Sɛ nnipa baanu a wɔayɛ aware nhyehyɛe de hokwan no hyiam wɔ mmeae a obiara nhu wɔn a, sɔhwɛ no yɛ kɛse. (1 Kor. 10:12) Ɛyɛ nea nyansa wom bere nyinaa sɛ wɔn a wɔayɛ aware nhyehyɛe no bɛma obi aka wɔn ho anaa wobehyia sɛ nnipakuw. (Mmeb. 28:26) Bere a saa wiase yi kɔ so sɛe wɔ abrabɔ fam no, ɛmmra sɛ yɛn sɛ ankorankoro no, yebekura abrabɔ pa mu de ahyɛ yɛn Agya Kronkron, Yehowa, anuonyam.—Mat. 5:14-16; 1 Pet. 2:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena