Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ December 31, 2007 no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 30 bɛyɛ ntĩmu a egyina November 5 kosi December 31, 2007 adapɛn no mu no so.
ƆKASA SU
1. Sɛ yɛpɛ sɛ nsɛm a yɛka de wie yɛn kasa yɛ nea etu mpɔn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem? [be-TW kr. 220 nky. 4–kr. 221 nky. 3]
2. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama asɛm a yɛka wɔ asɛnka mu no ayɛ nokware turodoo? [be-TW kr. 223 nky. 2-4]
3. Sɛ yɛrema ɔkasa wɔ asafo nhyiam ahorow ase a, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yebu asafo no sɛ ɛyɛ “nokware no dum ne ne nnyinaso”? (1 Tim. 3:15) [be-TW kr. 224 nky. 1-4]
4. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ nsɛm bi mu hu sɛ ɛyɛ nokware ansa na yɛafa aka asɛm, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? [be-TW kr. 225 nky. 1-2]
5. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn nsɛm mu ada hɔ yiye ma afoforo ate ase? [be-TW kr. 226 nky. 3–kr. 227 nky. 1]
DWUMADI 1
6. Dɛn na ɛma yehu sɛ Yona nhoma no yɛ nokware? [si-E kr. 153 nky. 3]
7. Mika nkɔmhyɛ bɛn na ɛma yehu sɛ Kristo Yesu na ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene? [si-E kr. 158 nky. 18]
8. Dɛn na ɛma yehu sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Habakuk nhoma no? [si-E kr. 161 nky. 4]
9. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ eduu afe 520 A.Y.B. mu no, na Yudafo no nyɛɛ adwuma a enti wogyee wɔn fii nkoasom mu ma wɔsan kɔɔ wɔn asase so no? (Hag. 1:4) [si-E kr. 166 nky. 3]
10. Anigye da bɛn na Sakaria sii so dua mpɛn pii no? [si-E kr. 172 nky. 26]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Ɔkwan bɛn so na Yoel nkɔmhyɛ a ɛfa ntutummɛ a wɔsɛe ade ho no nyaa mmamu wɔ afeha a edi kan no mu, na ɔkwan bɛn so na ɛrenya mmamu nnɛ? (Yoel 2:1-10, 28) [w07-TW 10/1 “Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa—Yoel ne Amos Nhoma no Mu Nsɛntitiriw”]
12. Ná “kɛntɛn a ahohuru bere mu nnuaba wom” no kyerɛ dɛn? (Amos 8:1, 2, NW) [w07-TW 10/1 “Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa—Yoel ne Amos Nhoma no Mu Nsɛntitiriw”]
13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ Yehowa ‘nuu ne ho wɔ bɔne a ɔkae sɛ ɔde reba Niniwefo so no ho,’ na ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn dɛn? (Yona 3:10) [w03-TW 7/15 kr. 17-18]
14. Sɛ́ obi bɛnantew Yehowa din mu no kyerɛ dɛn? (Mika 4:5) [w03-TW 8/15 kr. 17 nky. 19]
15. Bere bɛn na Yehowa baa ‘n’asɔrefie’ hɔ bebuu atɛn wɔ yɛn bere yi mu, na ɔkwan bɛn na ɔfaa so yɛɛ saa? (Mal. 3:1-3) [re-TW kr. 32 adaka; jd-E kr. 179 nky. 3–kr. 181 nky. 6]