Asɛmmisa Afã
◼ So “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no pene so sɛ Adansefo akuw bi behyiam na wɔn ankasa ayɛ Kyerɛwnsɛm mu nhwehwɛmu anaa wɔakyerɛ wɔn adwene wɔ ho?—Mat. 24:45, 47.
Dabi, wɔmpene so. Nanso wɔ wiase mmeae bi no, yɛn ahyehyɛde no mufo binom atew akuw a wɔn ankasa de yɛ Bible mu nsɛm bi mu nhwehwɛmu. Akuw no bi asua Hebri ne Hela kasa a wɔde kyerɛw Bible no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwehwɛ nokwasɛm a New World Translation no yɛ mu. Afoforo nso yɛ nyansahu ho nsɛm a Bible ka no mu nhwehwɛmu. Wɔahyehyɛ dwumadibea ahorow wɔ Intanɛt so a wɔnam so di nhwehwɛmu a wɔayɛ no ho nkitaho na wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ ho. Wɔayɛ nhyiam ahorow nso, na wɔatintim nhwehwɛmu a wɔayɛ no ho nhoma sɛ wɔde reboa nea yesua wɔ Kristofo nhyiam ne yɛn nhoma ahorow mu no.
Wɔ wiase nyinaa no, Yehowa nkurɔfo renya honhom fam akwankyerɛ ne nkuranhyɛ a ɛdɔɔso wɔ asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam ase, na wonya bi fi nhoma ahorow a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ nso mu. Yehowa nam ne honhom kronkron ne n’Asɛm a ɛyɛ nokware no so ma ne nkurɔfo nya nea wohia sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔbɛka abom denneennen wɔ adwenkoro ne nsusuwii koro mu,’ na wɔakɔ so ‘atintim wɔ gyidi no mu.’ (1 Kor. 1:10; Kol. 2:6, 7) Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa de ma yɛn wɔ honhom fam wɔ nna a edi akyiri yi mu no. Enti “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no mpene nhoma, nhyiam, anaa Intanɛt so dwumadibea a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛe anaa wɔhwɛ ma wɔyɛe no so.—Mat. 24:45-47.
Ɛfata sɛ nkurɔfo pɛ sɛ wɔde wɔn adwene yɛ adwuma de boa asɛmpa no. Nanso ɛnsɛ sɛ biribi a obi pɛ sɛ ɔyɛ no twe adwene fi nea Yesu Kristo nam n’asafo a ɛwɔ asase so nnɛ no reyɛ so. Wɔ afeha a edi kan no mu no, ɔsomafo Paulo de kɔkɔbɔ mae wɔ bere pii a wɔbɛsɛe wɔ nsɛm bi te sɛ “abusua santen ho nsɛm a enkosi hwee, na ɛde nsɛmmisa a egye bere mmom ba sen sɛ wobenya biribi afi Nyankopɔn hɔ akyɛ ama afoforo wɔ gyidi” ho no ho. (1 Tim. 1:3-7) Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa bɔ mmɔden ‘twe wɔn ho fi akyinnyegye a nyansa nnim ne anato ho nsɛm ne ntawntawdi ne Mmara ho ntɔkwaw ho, efisɛ mfaso biara nni so, na ɛyɛ adehunu.’—Tito 3:9.
Yɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Bible adesua ne emu nhwehwɛmu kɔ akyiri no nkuran sɛ wɔnyɛ nhwehwɛmu wɔ Insight on the Scriptures, “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” nhoma no ne yɛn nhoma afoforo te sɛ nea ɛka Bible mu nhoma a ɛne Daniel, Yesaia, ne Adiyisɛm mu nkɔmhyɛ ho asɛm no mu. Nsɛm pii wɔ eyi mu a yebetumi de asua Bible no na yɛadwennwen ho, na yɛnam so ama ‘Onyankopɔn pɛ ho nokware nimdeɛ ahyɛ yɛn ma wɔ nyansa ne honhom mu ntease nyinaa mu, na yɛanantew sɛnea ɛsɛ Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa, bere a yɛkɔ so sow aba wɔ adwuma pa biara mu, nya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ pii’ no.—Kol. 1:9, 10.