Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/06 kr. 7
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
  • Yɛn Ahenni Som—2006
Yɛn Ahenni Som—2006
km 12/06 kr. 7

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ December 25, 2006 no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 30 bɛyɛ ntĩmu a egyina November 6 kosi December 25, 2006 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-37.]

ƆKASA SU

1. Dɛn na ɛbɛboa yɛn bere a yɛrepaw nsɛm a ɛfata a yɛde bɛda kyerɛwsɛm bi adi no? [be-TW kr. 148 nky. 4–kr. 149 nky. 1]

2. Akwan bɛn na yebetumi afa so asi yɛn nsɛm ne yɛn kasa so dua yiye? [be-TW kr. 151 nky. 4–kr. 152 nky. 3]

3. Esiane sɛ Onyankopɔn Asɛm a yɛde kyerɛkyerɛ afoforo yɛ aniberesɛm nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama ‘yɛakura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ’? (2 Tim. 2:15) [be-TW kr. 153 nky. 1-3, adaka; kr. 154 nky. 1-2]

4. Akwan bɛn na yebetumi afa so akyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm a yɛkenkan no mu ma emu ada hɔ? [be-TW kr. 154 nky. 4–kr. 155 nky. 3]

5. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛma aba a ɛwɔ asɛm a yɛreka mu da adi, na akwan a yebetumi afa so ayɛ saa no bi ne nea ɛwɔ he? [be-TW kr. 157 nky. 1-4, adaka; kr. 158 nky. 1]

DWUMADI 1

6. Ɔkwan bɛn so na na Salomo yɛ ɔsɛnkafo anaa obi a ɔboaboa dɔm ano? [si-E kr. 112 nky. 1-3]

7. Ɔkwan bɛn so na Ɔsɛnkafo nhoma no ne Yesu nkyerɛkyerɛ hyia? [si-E kr. 114 nky. 16]

8. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Salomo Nnwom mu Dwom no ka Bible no ho? [si-E kr. 115 nky. 3-4]

9. Ɔkwan bɛn so na Yesaia nhoma Mmobɔwee a wohui wɔ Ɛpo a Awu mu no di adanse ankasa sɛ Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ no ara ne Bible a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee no? [si-E kr. 118 nky. 6]

10. Dɛn na ebetumi aboa ɔkasafo bi na wankyerɛw nsɛm pii wɔ ne kratasin a ɔhwɛ so ma ɔkasa no so? [be-TW kr. 42 nky. 1]

DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN

11. Dɛn nti na “wɔn a wɔhwehwɛ [Yehowa, NW] akyi kwan no hu ade nyinaa mu”? (Mmeb. 28:5)

12. Ɔkwan bɛn so na ‘nkwasea adwumaden ma wɔbrɛ gu’? (Ɔsɛnk. 10:15)

13. Ɔkwan bɛn so na Sulamit ababaa no daa ne ho adi sɛ ɔyɛ “turo a wɔato ano pon mu,” na ɔkwan bɛn so na Kristofo mmea a wɔnwaree betumi ahwɛ ne nhwɛso pa no asua? (Nmd. 4:12)

14. Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔmmra mma ‘wonni’ no, so na ɔreka sɛ ne nkurɔfo no mmra na wɔne no mmedi asɛm? (Yes. 1:18a)

15. Ɔkwan bɛn so na Yesaia 11:6-9 nyaa mmamu tete mmere mu, na mmamu kɛse bɛn na ebenya?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena