Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ August 30, 2004 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntĩmu a egyina nsɛm a wodii ho dwuma wɔ July 5 kosi August 30, 2004 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de hwehwɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]
ƆKASA SU
1. Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa de “odwo ne obu a emu dɔ” akyerɛ yɛn anidaso no ase? (1 Pet. 3:15, NW) [be-TW kr. 192 nky. 2-4]
2. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde ahotoso kasa? (Rom. 8:38, 39; 1 Tes. 1:5; 1 Pet. 5:12) [be-TW kr. 194]
3. Ɔkwan bɛn so na yɛda ahotoso adi? [be-TW kr. 195 nky. 3-kr. 196 nky. 4]
4. Dɛn ne anifere, dɛn nti na ɛho hia, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ada anifere adi na yɛasan ayɛ pintinn? (Rom. 12:18) [be-TW kr. 197]
5. Ansa na obi a ɔyɛ anifere bɛkasa no, dɛn na obesusuw ho? (Mmeb. 25:11; Yoh. 16:12) [be-TW kr. 199]
DWUMADI 1
6. Ɔkwan bɛn so na yɛn nkɔmmɔbɔ ne su a yɛde sua Bible no betumi akyerɛ baabi a yɛanya nkɔanim akodu wɔ nokware no mu? [be-TW kr. 74 nky. 3-kr. 75 nky. 2]
7. Dɛn na ‘bere a yɛbɛtɔ ama yɛn ho’ no kyerɛ, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa? (Efe. 5:16) [w02-TW 11/15 kr. 23]
8. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no ma emu da hɔ fann sɛ nnipa nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn ani so, na ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn som adwuma no dɛn? [w02-TW 1/1 kr. 5, 7
9. Dɛn na Ɔbɔadeɛ no din soronko, Yehowa no kyerɛ? [w02-TW 1/15 kr. 5]
10. Dɛn na ɛmaa Habel afɔre no ‘sõ kyɛn’ Kain de no, na asuade bɛn na yebetumi anya afi mu afa yɛn “ayeyi afɔre” ho? (Heb. 11:4; 13:15) [w02-TW 1/15 kr. 21 nky. 6-8]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Ɔkwan bɛn so na Leviticus 18:3 boa yɛn ma yɛkwati sɛ yebenya adwene a ɛnteɛ wɔ nea eye ne nea enye ho? (Efe. 4:17-19) (w02-TW 2/1 kr. 29)
12. Na dɛn na nkɔmhyɛ kwan so no egyina hɔ ma “abodoo abien” a na ɔsɔfo panyin no de ma sɛ ‘ohim afɔre’ wɔ Adapɛn Dapɔnna (Pentekoste) no? (Lev. 23:15-17) [w98-TW 3/1 kr. 13 nky. 21]
13. Ɔkwan bɛn so na ɔbea a wasɛe aware ‘asen totɔ mu’ te sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ Numeri ti 5 no? (Num. 5:27) [w84-TW 4/1 kr. 20]
14. Dɛn nti na Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose esiane ne yere Kusni no nti? (Num. 12:1)
15. Ná dɛn ne “[Yehowa] akodi nhoma no”? (Num. 21:14)