Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/04 kr. 1
  • Nea Eye Sen Biara a Yɛde Bɛma Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Eye Sen Biara a Yɛde Bɛma Yehowa
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ayeyi Afɔre Ahorow A Ɛsɔ Yehowa Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Afɔre Horow A Yɛbɔ Ma Yehowa
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Sua Biribi Fi “Nokware No Suban” Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Bɔ Ayeyi Afɔre Ma Yehowa
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 4/04 kr. 1

Nea Eye Sen Biara a Yɛde Bɛma Yehowa

1 Yehowa kae wɔ mmara a ɔde maa Israelfo no mu sɛ ɛsɛ sɛ mmoa a wɔde wɔn bɛbɔ afɔre no ‘di mũ.’ Ná aboa a wadi dɛm rensɔ ani. (Lev. 22:18-20; Mal. 1:6-9) Bio nso, sɛ wɔbɔ afɔre a, na srade no nyinaa—aboa no fã a ɛyɛ akɔnnɔ no—yɛ Yehowa de. (Lev. 3:14-16) Esiane sɛ Yehowa yɛ Israelfo Agya ne wɔn Wura nti, na ɛfata sɛ wɔde nea eye sen biara ma no.

2 Nyankopɔn ani kũ adepa a ɛnnɛ yɛde ma no no ho sɛnea na ɛte wɔ tete mmere mu no. Ɛsɛ sɛ ɔsom a yɛde ma Yehowa no da no adi sɛ yɛwɔ obu kɛse ma no. Nokwarem no, ɛsono obiara ne ne tebea. Nanso yɛwɔ nea nti a ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu hu sɛ yɛde nea eye sen biara rema no.—Efe. 5:10.

3 Ɔsom a Efi Komam: Nea ɛbɛyɛ na yɛn som adwuma no asɔ Yehowa ani na aka yɛn atiefo koma no, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ no bi-ne-bi. Mmom ɛsɛ sɛ yefi koma a anigye ahyɛ no ma mu ka yɛn Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ho asɛm kyerɛ. (Dw. 145:7) Eyi si hia a kokoam Bible akenkan ne adesua ho nhyehyɛe pa hia no so dua.—Mmeb. 15:28.

4 Nea eye sen biara a yɛde bɛma Yehowa no nso hwehwɛ sɛ yesuasua ɔdɔ a ɔwɔ ma nnipa no. (Efe. 5:1, 2) Saa ɔdɔ no bɛkanyan yɛn ma yɛaka nokwasɛm a ɛma nkwa no akyerɛ nnipa dodow biara a yebetumi. (Marko 6:34) Ɛbɛkanyan yɛn ma yɛakyerɛ nnipa a yɛka asɛm kyerɛ wɔn no ho anigye. Ɛbɛma yɛadwennwen nnipa a yɛkɔ wɔn hɔ no ho na aka yɛn ma yɛasan akɔ hɔ bio. Ɛbɛhyɛ yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi biara de aboa wɔn ma wɔanya nkɔso wɔ honhom mu.—Aso. 20:24; 26:28, 29.

5 “Ayeyi Afɔre”: Nsi a yɛde yɛ asɛnka adwuma no yɛ ɔkwan foforo a yɛfa so de nea eye ɛsen biara ma Yehowa. Sɛ yɛyɛ nhyehyɛe pa na yɛde yɛn adwene si asɛnka adwuma no so a, yebetumi de bere a yɛwɔ no ayɛ pii. (1 Tim. 4:10) Ahosiesie a edi mũ boa yɛn ma yɛde ahotoso ka asɛm no ma emu da hɔ, na yɛnam saayɛ so nya nnipa ma wotie asɛm no yiye. (Mmeb. 16:21) Bere a yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo no, yebetumi aka koma pa a yɛde ka no ho asɛm sɛ ɛyɛ “ayeyi afɔre.”—Heb. 13:15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena