Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/04 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2004
Yɛn Ahenni Som—2004
km 3/04 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛbɔ mmɔden afi ofie Bible adesua ahorow ase. Sɛ nkurɔfo wɔ nhoma yi bi dedaw a, ebia mubetumi de Tie Daniel Nkɔmhyɛ nhoma no ama. April ne May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nyinaa mma. Sɛ morekɔ nnipa a wɔkyerɛ anigye, a ebia wɔn a wɔba Nkaedi anaa teokrase dwumadi afoforo ase nanso wɔmfaa wɔn ho mmɔɔ ahyehyɛde no yiye nkyɛn sankɔhwɛ a, monhwɛ nhu sɛ mode Som Onyankopɔn nhoma no bɛma wɔn. Ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden biara sɛ mo ne ankorankoro a wɔasua Nimdeɛ nhoma no anaa Ahwehwɛde nhomawa no awie dedaw no titiriw befi ofie Bible adesua ase. June: Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. Sɛ ebinom ka sɛ wonni mma a, momfa Ahwehwɛde nhomawa no mma wɔn. Sɛ mode nhomawa no rema a, momfa mo adwene nsi ofie Bible adesua a mubefi ase so.

◼ Baa dwumadibea no nni nhoma a adawurubɔfo mmiako mmiako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔde nkaebɔ ma ɔsram biara ansa na wɔde krataa a wɔde kra nhoma ɔsram biara no abrɛ baa dwumadibea no, na ama obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma no atumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Yɛsrɛ sɛ momma nhoma a wɔkra ma wɔn a wobisa nkutoo no ntra mo adwenem.

◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu no yɛ wɔn nhyehyɛe mprempren, na wɔde wɔn akwammisa nkrataa ma ntɛm. Eyi bɛboa mpanyimfo no ma wɔayɛ asɛnka nhyehyɛe a ehia, na wɔanya nsɛmma nhoma ne nhoma foforo a ɛdɔɔso agu hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔbobɔ wɔn a wɔapene so sɛ wɔnsom sɛ akwampaefo aboafo no nyinaa din kyerɛ asafo no ɔsram biara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena