Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/02 kr. 5-6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—2002
Yɛn Ahenni Som—2002
km 12/02 kr. 5-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

September 2 kosi December 23, 2002 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu yɛ. Bua nsɛmmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.

[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsɛmmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsɛmmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyɛm nɔma ahorow no remma afã horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]

Bua nsɛm a edidi so yi mu biara sɛ Ampa anaa Atoro:

1. Yehowa su atitiriw no ho a yebesusuw no yɛ ade a ɛho hia na ama yɛatumi abɛn no. (Dw. 143:5) [w00-TW 10/15 kr. 4 nky. 6]

2. Nnua abien a wɔka boom biako a wɔka ho asɛm wɔ Hesekiel 37:15-24 no wɔ nnɛyi nsɛso efisɛ wɔ 1919 mu no, wɔkaa anokwafo a wɔasra wɔn no boom wɔ Kristo, wɔn ‘hene biako’ ne wɔn ‘guanhwɛfo koro’ no ase. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88-TW 11/1 kr. 23 nky. 13.]

3. Ɛwom sɛ Bible ho akyinnyegyefo nnye nni sɛ Daniel nhoma no yɛ abakɔsɛm de, nanso nneɛma a wɔatutu fam ahu wɔ mfe a atwam mu no abɔ nea wɔka no agu koraa. [si-E kr. 138 nky. 4]

4. Sɛ asɛm bi a yɛte no fi obi a ɛte sɛ nea wogye no tom anaasɛ ɔwɔ nimdeɛ pii hɔ a, biribiara nni hɔ a yebetumi agyina so apo sɛ ɛyɛ atoro. [w00-TW 12/1 kr. 29 nky. 7-8]

5. Asɛm “adiyifo nketewa” no kyerɛ sɛnea Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhoma 12 a etwa to no ho nhia kɛse no ma ɛfata. [si-E kr. 143 nky. 1]

6. Ná Amos yɛ “adiyifo mma” no mu biako bere a Yehowa frɛɛ no somaa no sɛ ɔnhyɛ nkɔm ntia Yuda ne Israel no. (2 Ahe. 2:3) [si-E kr. 148 nky. 1]

7. Obadia 16 kae sɛ Edomfo ase bɛtɔre sɛ ɔman efisɛ na wɔtan Yuda. (Oba. 12) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w89-TW 4/15 kr. 30 adaka no.]

8. Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nokware ho ntease pa ka “kasa kronn” a wɔka ho asɛm wɔ Sefania 3:9, NW, no ho. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w01-TW 2/15 kr. 27 nky. 18.]

9. Nea enti a Yesu dii yaw kɛse wɔ Getsemane turo no mu ne sɛ na odwen sɛnea ne wu sɛ ɔsɛmmɔnedifo a wobu no animtiaa no bɛka Yehowa ne Ne din kronkron no ho. (Mat. 26:38; Luka 22:44) [w00-TW 11/15 kr. 23 nky. 1]

10. Na “Filistini” a ɔdan “sɛ sheik wɔ Yuda” a wɔka ne ho asɛm wɔ Sakaria 9:6, 7, NW, no ka nguan foforo a wɔwɔ hɔ nnɛ a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no tete wɔn na ɔma wɔn tumi a ehia no ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so. (Mat. 24:45) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w95-TW 7/1 kr. 23 nky. 14.]

Bua nsɛmmisa a edidi so yi:

11. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛbɛka asɛm no atoto asɛyɛde a na Hesekiel wɔ sɛ ɔwɛmfo no ho? (Hes. 33:1-11) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88-E 1/1 kr. 28 nky. 13.]

12. Hesekiel anisoadehu a ɛfa nnompe a ɛho akokwaw ho nsɛso bɛn na wohui wɔ nnɛ mmere yi mu? (Hes. 37:5-10) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88-TW 11/1 kr. 22 nky. 12.]

13. Dɛn ne adanse a edi mu sen biara a ɛkyerɛ sɛ wɔnam Onyankopɔn honhom so na wɔkyerɛw Sakaria nhoma no? [si-E kr. 169 nky. 5]

14. Kurow a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu no mu no gyina hɔ ma dɛn? (Hes. 48:15-17) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w99-TW 3/1 kr. 18 nky. 22.]

15. Ɔkwan bɛn so na yebetumi agyina Yesaia 2:2-4 so aka sɛ nsɛm a ɛresisi wɔ Israel nnɛ no nhyɛ da mma Bible nkɔmhyɛ nnya mmamu? [rs-E kr. 223 nky. 3]

16. Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Daniel yɛɛ n’ade wɔ mmara a ɔhene no hyɛe sɛ wommmisa onyame anaa onipa biara hɔ ade nnafua 30 gye ɔhene no nko hɔ no mu? (Dan. 6:7-10) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ dp-TW kr. 125 nky. 25-8.]

17. Bere a nkaefo no rebɔ Yehowa asɛm ho dawuru bɛn na ɛma wɔyɛ sɛ gyata wɔ amanaman no mu no? (Mika 5:8) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w81-E 7/15 kr. 23 nky. 10.]

18. Dɛn na asɛm “wode mpɛmɛ hwirew n’akofo tirim” a ɛwɔ Habakuk 3:14 no kyerɛ? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w00-TW 2/1 kr. 22 nky. 15; w81-E 8/1 kr. 29 nky. 6-7.]

19. Dɛn na asɛmfua “ebia” a wɔde dii dwuma wɔ Sefania 2:3 no kyerɛ? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w01-TW 2/15 kr. 19 nky. 8.]

20. Sɛnea Sakaria 8:6 kyerɛ no, efi 1991 mfe no mu reba no, ɔkwan bɛn so na Yehowa adi biribi a ɛte sɛ nea ne yɛ betumi ayɛ den dodo wɔ nnipa ani so ho dwuma? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w96-TW 1/1 kr. 16 nky. 18-19.]

Fa asɛmfua anaa nsɛm a ehia na ama nsɛm a edidi so yi mu biara adi mũ ma:

21. Yɛnam ․․․․․․․․ , a ɛyɛ ɔsom mu kwan a yɛfa so ne Onyankopɔn kasa no so na yɛne Yehowa kasa; na ɔkwan titiriw a ɔno nso fa so ne yɛn kasa ne ․․․․․․․․ no. (Dw. 65:2; 2 Tim. 3:16) [w00-TW 10/15 kr. 5 nky. 2-3]

22. Yebetumi ahu sɛ Yesu Kristo ne Mikael bere a yɛde Yuda 9 toto 1 Tesalonikafo 4:16 ho, baabi a wɔka Yesu Kristo ahyɛde a ɔde ma sɛ womfi owusɔre ase no ho asɛm sɛ “ ․․․․․․․․ ” no; afei nso, edin Mikael kyerɛ sɛ “ ․․․․․․․․ ․․․․․․․․ ,” a ɛda adi sɛ ɛkyerɛ sɛ Yesu ne nea odi anim ma wogyina Yehowa tumidi akyi na wɔsɛe Onyankopɔn atamfo no. [rs-E kr. 218 nky. 1-2]

23. Wɔkaa “asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no” wɔ ․․․․․․․․ , mu; na efii mfepɛn 69 a ɛbaa awiei bere a Mesia no puei wɔ ․․․․․․․․ no ase. (Dan. 9:25) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ dp-TW kr. 190 nky. 20–kr. 191 nky. 22.]

24. Yoel 2:31 a ɛka sɛ owia beduru sum no ne Mateo 24:29, 30, baabi a ․․․․․․․․ ka ne ba a ɔbɛba ho asɛm sɛ ɔde ․․․․․․․․ bɛba sɛ onipa Ba no di nsɛ. [si-E kr. 147 nky. 13]

25. ․․․․․․․․ nkɔmhyɛ a ɛfa Asiria ne n’ahenkurow ․․․․․․․․ , ho no daa Yehowa atɛntrenee ne korɔn a ɔkorɔn adi, na ɛma yenya ahotoso sɛ Yehowa bebu nnebɔneyɛfo nyinaa atɛn. [si-E kr. 160 nky. 11]

Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:

26. Hesekiel nhoma no si so dua sɛ Yehowa yɛ (ɔyamyefo, ɔhobrɛasefo; kronkron) na ɛda no adi sɛ (obi nipasu a obesiesie no; Yehowa din a ɔbɛtew ho; ne ofipamfo pa a ɔbɛyɛ) ho hia sen biribi foforo biara. [si-E kr. 137 nky. 33]

27. Hesekiel a ɔne Daniel traa ase wɔ bere koro mu no si so dua sɛ na Daniel yɛ onipa ankasa, na ɔbɔɔ ne din kaa (Noa ne Hiob; Mose ne Yosua; Elia ne Elisa) ho. [si-E kr. 138 nky. 2]

28. Nea ɛne Daniel 2:34, 35, 45 hyia no, ɔbo a ɛbɔ ohoni no bubu no pasaa no gyina hɔ ma (Harmagedon; atemmusɛm a ano yɛ den a Onyankopɔn nkurɔfo ka ho asɛm; Mesia Ahenni no). [si-E kr. 142 nky. 20, 23]

29. Sɛnkyerɛnne kwan so mmoadabi man a wɔka ho asɛm wɔ Yoel 1:4-6 no gyina hɔ ma (Israel man; Kristofo a wɔasra wɔn; Roma asraafo). (Aso. 2:1, 14-17) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w98-TW 5/1 kr. 9 nky. 9.]

30. “Ne dɔba ahenni” a wɔka ho asɛm wɔ Kolosefo 1:13 no ne (Mesia Ahenni no; Di a Kristo dii Kristofo asafo no so fi Pentekoste 33 Y.B. reba no; Kristo Mfirihyia Apem Ahenni) no. [rs-E kr. 232 nky. 4]

Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ ase hɔ nsɛm a ɛne no hyia no anim:

Hos. 6:6; Yoel 2:32; Sak. 4:6, 7; 13:3; Rom. 12:2

31. Ɛnsɛ sɛ yɛma amammerɛ anaa nneɛma nhyehyɛe yi gyinapɛn kɛntɛn yɛn adwene so. [w00-TW 11/1 kr. 21 nky. 5]

32. Ɛnyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani ne afɔre pii a wɔbɔ na mmom nokware a yegyina nea yenim so da no adi. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ si-E kr. 145 nky. 16.]

33. Hu a yebehu nea okura din kronkron no, akyerɛ obu ama no de yɛn ho ato no so no ho hia ma nkwagye. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w89-TW 3/15 kr. 30 adaka.]

34. Ɛnyɛ onipa biara tumi na ɛma Onyankopɔn atirimpɔw yɛ hɔ, na mmom ne honhom a etumi ma n’asomfo di akwanside a ɛte sɛ mmepɔw so na wɔkɔ so som Onyankopɔn no. [si-E kr. 169 nky. 2]

35. Nokwaredi a ɛhyɛ Yehowa ahyehyɛde no agyirae no korɔn sen nnipa ntam abusuabɔ biara, te sɛ ebia abusuafo a wɔbɛn wɔn ho pɛɛ de. [si-E kr. 171 nky. 24]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena