Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ
Na ɛyɛ anigye bere kɛse ma tete Israelfo no sɛ wobefi ase ato ɔdan bi nhyɛase, ɛnkanka bere a wɔresi ɔdan bi a wɔde bedi teokrase atirimpɔw ho dwuma no. (Fa toto Esra 3:10, 11 ho.) April a etwaam no, yɛde kɔnkrit fii nsukorabea ne mmeae a yɛretrɛw mu no ase. Ɛnkyɛ koraa yebewie nea yɛde bɛkata ɔdan a yɛbɛsɔne nsufĩ so wom no so. Ɛmfa ho sɛ nsu tɔ wɔ Accra no, adwuma no rekɔ so. Yɛn ani sɔ mmɔden kɛse a anuanom a wɔwɔ Accra ne ne mpɔtam bɔ de boa adwuma no nnawɔtwe biara no yiye. Nea yɛpɛ sɛ yɛka de wie ara ne sɛ yehia mo nyinaa mmoa ne mo mpaebɔ.