Anisɔ a Yebenya Ama The Bible—Mankind’s Oldest Modern Book Video No
Nsɛmmisa a edidi so yi twe adwene si nsɛm a wubetumi ahyɛ no nsow bere a worehwɛ video no so: (1) Adanse bɛn na ɛma Bible no da nsow wɔ nhoma nyinaa ho? (2) Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ ɛmfa ho sɛ Bible no akyɛ no, ɛne nnɛyi nyansahu hyia. (3) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya awerɛhyem sɛ Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ no te sɛ nea wɔkyerɛw no tete no ara? (4) Na tete Bible nkyerɛwee no te dɛn, na awerɛhyem bɛn na eyi ma yenya? (5) Akwan bɛn so na John Wycliffe, Johannes Gutenberg, William Tyndale, Mary Jones, ne Charles Taze Russell boa maa Onyankopɔn Asɛm duu wiase nyinaa? (6) Ɔkwan bɛn so na asɔre no sɔre tiaa Bible no denneennen, nanso, ɛyɛɛ dɛn na atra hɔ abesi nnɛ? (7) Yehowa ahyehyɛde no akyerɛ Bible ase akyekyɛ akodu he? (8) Ɔkwan bɛn so na Bible afotu a mfaso wɔ so no atumi aboa nkurɔfo a kyakyatow aka wɔn hɔ (1 Tim. 6:9, 10), wɔn a wɔatetew aware mu anaa wonni wɔn ho nokware (1 Kor. 13:4, 5; Efe. 5:28-33), ne wɔn a honam fam ade dodowpɛ adi wɔn ti no (Mat. 16:26)? (9) Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a yɛde di dwuma no ma yetumi di ɔman ne mmusua mu nitan a ɛwɔ wiase no so? (10) Akwan bɛn so na Bible no a wusua no ama woanya anigye kɛse? (11) Henanom na wususuw sɛ video yi betumi aboa wɔn, na wobɛyɛ dɛn ayi akyerɛ wɔn?