Dwen Onyankopɔn Anwonwade Ho
1 Yɛde anigye hyiaam nnansa wɔ “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” Ɔmantam Nhyiam no ase. Yeyii yɛn adwene fii da biara da asetram haw so, na yɛdwenee Yehowa anwonwade ho kɛse. Wɔhyehyɛɛ dwumadi no na ama yɛanya Onyankopɔn ne N’asɛm mu gyidi kɛse, yɛne no anya abusuabɔ pa, na yɛayere yɛn ho wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɔkwan bɛn so na yɛrenya nea yesuae no mu mfaso?—Yoh. 13:17.
2 Mmusua Tie Onyankopɔn Asɛm: Ɔkasa a wɔakyekyem, ‘Muntie Onyankopɔn Asɛm’ no boaa yɛn ma yɛyɛɛ sɛnea yɛn mmusua renya honhom fam nkɔso no mu nhwehwɛmu. Mmofra wɔ ɔpɛ sɛ wobesua ade. Enti, wɔhyɛɛ awofo a wosuro Onyankopɔn no nkuran sɛ wɔnyɛ abusua Bible adesua na ama wɔn fiefo ayɛ den honhom mu. Mmusua ti pii ne wɔn mma resua nhomawa foforo Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo! no. Eyi bɛboa ma wɔne Yehowa anya abusuabɔ pa. Awofo, mommoa mo mma mma wonhu sɛnea wobetumi abɛn Onyankopɔn. Momma wonhu sɛ modɔ wɔn na modɔ wɔn nnwuma nyinaa nso. (Dw. 103:2) Mommom nyɛ ade mfa honhom fam botae ahorow nsisi mo anim na monyere mo ho wɔ Yehowa som mu.
3 Onyankopɔn Asɛm Ma Yɛn Akwan So Hyerɛn: Yɛn ani gyei sɛ yɛn nsa kaa nhoma foforo a wɔato din Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I no. Woakenkan po a edi kan yi akodu he? Yesaia nhoma no ka atemmu a ɛyɛ hu a ɛbɛba amumɔyɛfo aman so ne nhyira pii a Ahenni no de bɛbrɛ Onyankopɔn nkurɔfo ho asɛm. (Yes. 34:2; 35:10) Ɛma yenya Yehowa ne ne nnwuma nyinaa mu gyidi nso.—Yes. 12:2-5.
4 Sɛ worekenkan Yesaia Nkɔmhyɛ I no a, mfiase no, wubehu sɛnea Yesaia dii Yehowa nokware ɛmfa ho sɛ na nneɛma bɔne pii rekɔ so saa bere no. Bere a Onyankopɔn frɛɛ Yesaia sɛ ɔmmɛyɛ ne somafo no, ɔkae sɛ: “Mini, soma me!” (Yes. 6:8) Ɔpɛ a onyae a wubesusuw ho no bɛboa wo ma woaka asɛmpa no daa, na wode nnamyɛ “adi amanaman nyinaa adanse.”—Mat. 24:14.
5 Yehowa nnwuma a yebedwen ho no ma yehu ne kɛseyɛ. Enti ma w’ani nnye sɛ woyɛ Onyankopɔn asɛm yɛfo!