Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma November: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. December: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne New World Translation. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1985 reba a mo asafo no wɔ bi. Asafo ahorow a wonni saa nhoma no bi no betumi de True Peace and Security—How Can You Find It? anaa Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So ama. February: Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba.
◼ Akwan a wotu kɔ amannɔne abɛyɛ mmerɛw nnansa yi. Ne saa nti, yɛn nuanom pii yɛ nhyehyɛe kɔ aman foforo so nsrahwɛ. Wɔtaa bisa nsɛm fi Asafo ti no baa dwumadibea ahorow hɔ. Baa dwumadibea ahorow no ani gye ho sɛ wɔde baabi a wɔrekɔ no Ahenni Asa address ne bere a wɔde yɛ asafo nhyiam ahorow bɛma wɔn na ama wɔatumi ahu ɛhɔnom asafo ahorow no. Afei nso, wobetumi akyerɛ wɔn kwan ma wɔakɔsra baa dwumadibea hɔ. Nanso, amanneɛbɔ kyerɛ sɛ wobisa akwantu nhyehyɛe ho nsɛm foforo, dabere, mmeae a ɛhɔ yɛ anika, ne nneɛma a ɛtete saa. Baa dwumadibea ahorow no nnim nneɛma a ɛtete saa no ho nsɛm, na saa ara na wonni bere a wɔde bedi eyi ho dwuma. Yɛhyɛ wɔn a wɔrekɔ nsrahwɛ no nkuran sɛ wonhu akwantu ne nsrahwɛ ho adwumayɛfo a wɔtaa de nsɛm a ɛtete saa ma nsrahwɛfo no.
◼ Anuanom taa kyerɛw Asafo ti baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ amannɔne sɛ wɔpɛ nnamfo a wɔne wɔn bedi nkrataakyerɛw. Afoforo nso kyerɛw sɛ wɔpɛ nhoma, nsɛm a wɔakyere agu kasɛt so, ne nea ɛkeka ho a wontua hwee. Yɛrekae anuanom sɛ wonnyae nneyɛe a ɛtete saa no. Eyinom yɛ ankorankoro asɛm ankasa a ɛnsɛ sɛ wɔde fa Asafo ti anaa ne baa dwumadibea ahorow so.
◼ Nhoma Foforo a Ebi Wɔ Hɔ:
Watchtower Publications Index 1997
◼ Nhoma Ahorow a Ebi Aba Bio:
Amansan Nhoma—Engiresi, Ewe, Ga, ne Twi
Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?—Engiresi, Ewe, Ga, ne Twi
Dɛn ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?—Engiresi, Ewe, Ga, ne Twi
So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?—Engiresi, Ewe, Ga, ne Twi
Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa (N’akɛse)—Engiresi
◼ Kasɛt Ahorow a Ebi Wɔ Hɔ: Kasɛt adaka, nea hwee nni mu