Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔkra. Edu bere a ɔsram no rekɔ n’awiei a, yebefi ase akyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35. November: Yɛbɛtoa Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no kyekyɛ so. Asafo ahorow a wobewie wɔn asasesin mu adwuma denam ofie anaa atrae biara mufo a wɔbɛto wɔn ama wɔn Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no bi so no betumi de Nimdeɛ nhoma no ama. December: New World Translation ne The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1985 reba a ebi wɔ mo asafo no mu. Asafo ahorow a wonni saa nhoma no bi no betumi de Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ama.
◼ Krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no yɛ “Theocratic Ministry School Schedule for 1998” no, na ɛsɛ sɛ mode sie na mode adi dwuma wɔ 1998 mu nyinaa.
◼ Esiane sɛ Memeneda ne Kwasida anum na ɛwɔ November mu nti, ebetumi ayɛ bere pa a nnipa pii de bɛyɛ akwampaefo aboafo.
◼ Ebia asafo ahorow bi nhyiam bere bɛsesa January 1. Yɛrekae asafo ahorow a wohyiam wɔ Ahenni Asa koro so no mu ɔsom boayikuw ahorow sɛ wonhyia wɔ October anaa November mu nsusuw nsɛm a ɛfa nsakrae a wɔbɛyɛ wɔ nhyiam bere ho no ho sɛnea yɛn krataa a yɛkyerɛw kɔmaa asafo ahorow nyinaa October 7, 1994, mu kyerɛe no.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wonnya mfaa wɔn “1998 Special Annual Literature Order Form (S-14 Special)” no mmenae no yɛ saa saa bere yi. Yɛsrɛ mo monkae sɛ, sɛ moamfa krataa soronko a wɔde kra nneɛma yi ammena ntɛm so a, mo asafo no nsa renka Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—1998 ne nneɛma foforo a wɔkra no afe afe ma wɔn a wohia bi nkutoo no. Wɔbɛyɛ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—1998 no wɔ Engiresi, Ewe, Franse, Ga, ne Twi mu.
◼ Kasɛt Ahorow a Ebi Wɔ Hɔ:
Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?—Engiresi
◼ Kasɛt Ahorow a Ebi Aba Bio:
Kingdom Melodies—1
◼ Nhoma Ahorow a Ebi Aba Bio:
1996 Ɔwɛn-Aban bound volume; 1996 Nyan! bound volume—Engiresi