Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma June: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Fa w’adwene si ofie Bible adesua asefi so. July ne August: Nhomawa a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye Wɔ Asase so Daa! So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Dɛn ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ no Awu. September: Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba.
◼ Monhyehyɛ Asasesin a Wɔmfa Nhyɛɛ Asafo Biara Nsa Ho Akwammisa (S-90) krataa no abien, na momfa biako nkɔma Asafo ti no nhwɛ mu. Mompaw asram abiɛsa biara a ɛtoatoa so a eye ma mo asafo no mma saa adwuma yi. Yɛsrɛ sɛ momfa amanneɛbɔ nkɔma Asafo ti no ntɛm ara bere a moawie mo dwumadi no.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu wɔ June 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ.
◼ Nea ɛbɛyɛ na yɛaboa nnipa pii ma wɔanya ɔmantam nhyiam a ɛreba no mu mfaso no, wɔde mmeae anan aka mmeae a wɔbɛyɛ no no ho—Hohoe, Mankessim, Sefwi Bekwai, ne Tarkwa. Wɔada nhyehyɛe no nyinaa adi wɔ kratafa 6.