Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/95 kr. 1
  • Yɛn Ahenni Biakoyɛ no a Yebekura Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Ahenni Biakoyɛ no a Yebekura Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristofo Biakoyɛ—Ɛyɛ Dɛn na Ɛba?
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Biakoyɛ A Ɛwɔ Kristofo Mu Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Munkura Biakoyɛ Mu Wɔ Nna A Edi Akyiri Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Biakoyɛ Ma Yehu Nokware Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 4/95 kr. 1

Yɛn Ahenni Biakoyɛ no a Yebekura Mu

1 Onyankopɔn Ahenni no yɛ nniso ankasa a ɛwɔ ahoɔden ne tumi. Ná ɛno ne Yesu asɛnka no asɛmti. (Mat. 4:17) Ná afoforo a Yesu bɛkyerɛkyerɛ wɔn na wadi Ahenni ho nokware no ho adanse no yɛ ne som adwuma no fã titiriw. Ɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ Ahenni no ho mpae na yɛnhwehwɛ no kan. (Mat. 6:9, 10, 33) Yehowa ne n’ahyehyɛde no a yɛbɛkɔ so ne no abɔ, yɛn asɛnka adwuma no a yɛbɛyɛ, ne yɛn ho a yɛbɛtwe afi wiase no ho no boa yɛn ma yekura yɛn Ahenni biakoyɛ mu. Ɛdenam yɛn nneyɛe ne yɛn nsɛm so no, yɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Ahenni no afã.—Yoh 18:37.

2 Efi 1914 no, Ahenni no nkoa ɔpepem pii abehu sɛ ɛwɔ hɔ paa. Biakoyɛ a Ahenni nkoa yi da no adi no ne wiase a emu apaapae no de bɔ abira koraa. Sɛ Ahenni no bɛyɛ tumi a ɛka yɛn bom a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛka yɛn asetra. Dɛn na ɛma yehu sɛ ɛwɔ hɔ paa?

3 Te sɛ nniso afoforo no, Ahenni no wɔ mmara ahorow. Nanso, ɛyɛ soronko efisɛ wohu ne mmara ahorow no wɔ Bible mu. Onyankopɔn Asɛm no a yɛkenkan no daa no de nea wɔhwehwɛ wɔ yɛn ho sɛ Ahenni nkoa no ho nkaebɔ ma yɛn. Yɛn nhoma ahorow no a yesua ne akwankyerɛ a efi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no hɔ no boa yɛn ma yɛde Onyankopɔn mmara di dwuma wɔ yɛn da biara da asetra mu. (Mat. 24:45) Bere a yɛde nneɛma a ɛte saa di dwuma sɛ ankorankoro no, yɛkɔ so hu sɛ Ahenni no wɔ hɔ paa, na ɛde yɛn ba biakoyɛ mu wɔ wiase nyinaa onuayɛ mu, na ɛma yɛyɛ abusua biako a wɔsom wɔ Yesu tumidi ase.

4 Biakoyɛ Denam Ahenni Ho Asɛnka So: Yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛka Ahenni ho asɛmpa no “akɔpem asase ano nohɔ.” (Aso 1:8) “Nokoro” a yɛde ka asɛm no ma yɛyɛ biako bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ Yehowa “anuonyam” no. (Rom. 15:5, 6) Nsi a yɛne yɛn wiase nyinaa mfɛfo adwumayɛfo de bɛyɛ no hyɛ yɛn gyidi den, na ɛma Yehowa honhom de yɛn yɛ adwuma ma yɛyɛ n’apɛde. ‘Pii a yɛbɛyɛ wɔ Awurade adwuma mu’ no ma ‘yetintim a yenhinhim.’—1 Kor. 15:58.

5 Wɔ nsase pii so no, Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe yɛn biakoyɛ no denam yɛn asɛnka adwuma no a osiw no kwan so. Ɔde akwan biara a ɔwɔ no di dwuma de atutuw ba na ɔma ntawntawdi ahorow sɔre, de bɔ mmɔden sɛ ɔde kunsunkunsun ne akameakame bɛba. (Mmeb. 6:19; Gal. 5:19-21, 26) Ɔbɛpɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ wiase ntawntawdi mu na yegyina ɔfã bi mpo wɔ amammui ne asetra mu nsɛm mu. (Yak. 3:14-16) Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ yɛnko ntia ne nkɛntɛnso no; anyɛ saa a, ɔbɛmene yɛn te sɛ aboa ketewa bi a wanya. (1 Pet. 5:8, 9) Ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma ba a Ahenni ho anidaso no bɛbam no fi yɛn koma ne yɛn adwene mu.

6 Yɛn biakoyɛ a yebekura mu no hwehwɛ sɛ yenya adwenemtew ne nyansa a efi soro. Sɛ nsɛnnennen bi sɔre, titiriw sɛ ɛfa yɛn nuanom ho a, ɛsɛ sɛ yɛda honhom aba a ɛne asomdwoe adi. Wiase su horow te sɛ ahantan, ahoɔyaw, ne ahopɛ de mpaapaemu ba, na ɛsɛ sɛ yedi so. (Efe. 4:1-3; Kol. 3:5-10, 12-14) Ehia sɛ yɛde nsɛm a ɛfata na ɛma denhyɛ hyɛ yɛn adwene mu. Ahenni no ka yɛn asetra ankasa! Nanso ɛsɛ sɛ yɛwɛn na yɛatumi akura mu wɔ saa kwan no so!—Efe. 6:11, 13.

7 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛn Ahenni ho anidaso a ɛyɛ nwonwa no bɛbam no ka yɛn bom wɔ biakoyɛ honhom a ɛremma awiei da mu.—Dw. 133:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena