Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/94 kr. 7
  • Asemmisa afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa afã
  • Yɛn Ahenni Som—1994
Yɛn Ahenni Som—1994
km 10/94 kr. 7

Asemmisa afã

◼ Sɛ obi ka sɛ, “Ma yɛmmɔ mpae ansa na woaka w’asɛm no akyerɛ me a,” so ɛsɛ sɛ Ɔdansefo yɛ saa?

Wɔ yɛn afie afie som adwuma no mu no, ɛsɛ sɛ yɛde mpaebɔ fi Bible adesua biara a yɛahyehyɛ no ase bere nyinaa. Mpae a yɛbɔ de bisa Yehowa akwankyerɛ ne ne nhyira da no adi sɛ yɛde yɛn ho to no so na yegye No tom sɛ Nea ɔrekyerɛ nkyerɛkyerɛ a yɛde ma no kwan.—Yes. 54:13.

Yesu, Ahenni no ho somfo ne kyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw sen biara no de akwankyerɛ ahorow pɔtee a ɛbɛboa n’asuafo ma wɔahyehyɛ nneɛma, ne nea ɛfa sɛnea wobedi tebea horow a emu yɛ den ho dwuma wɔ ɔsom adwuma no mu ho mae wɔ asɛnka nhyiam bi a ɔhwɛɛ so mu. Sɛ́ anka ɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ wonni kan mmɔ mpae na ama wɔn afiewuranom no koma ayɛ bɛtɛɛ mmom no, ɔkae sɛ: “Na mohyɛn ofi bi mu a, munkyia emufo no,” na afei ‘monka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn.’—Mat. 10:7, 12.

Nanso, esiane sɛ afiewuranom pii de anoyi yi ma nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Adansefo a wɔn ho akokwaw binom bue mfonini a ɛwɔ Tra Ase Daa nhoma no kratafa 230 no ntɛm, na wɔde ahokokwaw kyerɛkyerɛ mu sɛ Adansefo bɔ mpae na wɔkyerɛkyerɛ mpae ho nsɛm mpo wɔ afoforo afie mu. Afei wɔdan kɔ Reasoning nhoma no kratafa 295 hɔnom nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so no so, na wosi so dua sɛ nnipa pii bisa asɛnkoro yi ara. Ɛno akyi no, wɔhyɛ ofiewura no nkuran sɛ ontie mmuae a wɔde ama no bere a wɔkenkan no. Eyi atumi ayɛ adwuma mpɛn pii.

Afoforo ka no anifere kwan so kyerɛ ofiewura no sɛ ɔnka Bible mu asɛm a ɛka sɛ ɛsɛ sɛ obi bɔ mpae ansa na wɔafi ase abɔ Bible mu asɛm bi ho nkɔmmɔ. Ofiewura no mmuae titiriw foforo ne: Yesu kae sɛ, ‘Nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, mewɔ wɔn mfinimfini,’ na wɔde eyi gyina Mateo 18:20 so. Ebinom a wɔboa wɔn ma wohu sɛ yɛbɔ mpae ansa na yɛafi yɛn asafo nhyiam horow ase, ne bere a yɛne yɛn Bible asuafo rebefi nkɔmmɔbɔ ase nso no ama wɔatie mpɛn pii.

Wɔ tebea mmiako mmiako bi mu a ofiewura no kɔ so ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae ansa na wɔafi nkɔmmɔbɔ biara ase no, adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw ka kyerɛ no sɛ ɔmmɔ mpae no. Nanso, nokwarem no, ɔdawurubɔfo no nka “Amen” wɔ n’ano anaa ne tirim mpo. (Fa toto September 15, 1962 Engiresi kasa mu Ɔwɛn-Aban no nkratafa 575 ne 576 ho.) Sɛ ofiewura no yɛ ɔbea na ɔno na ɔbɔ mpae no a, anuanom de kyerɛw nsɛm te sɛ 1 Timoteo 2:8, 11, 12 ne 1 Korintofo 14:34, 35 boa no ma ohu ɔbea afã wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu.

Akyinnye biara nni ho sɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu no, Satan ne ne dɔm asi wɔn bo sɛ ɛnyɛ sɛ wɔbɛsɛe Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so no asomdwoe ne anigye wɔ ɔsom adwuma no mu nko, na mmom wobeso wiase no mufo mu denneennen. (Yes. 42:6, 7) Wɔn a wɔtra esum tebea yi mu na wɔnyɛ ntɛm “nkɔ mmepɔw so” ansa na “awɔw bere” a ɛne ahohiahia kɛse no aba no bɛhwere wɔn nkwa. (Mat. 24:16, 20, 21) Yɛnam ahokokwaw a yɛde bɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no so betumi aboa nnipa afoforo pii ma wɔaguan afi Satan tumi ase na wɔne Yehowa anya abusuabɔ pa.—Aso. 26:18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena