Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/93 kr. 5-6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1993
Yɛn Ahenni Som—1993
km 9/93 kr. 5-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

September 6 besi December 20, 1993 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi ho sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsemmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.

[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de abua nsemmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsemmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afã horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]

Kyerɛ sɛ nsɛm a edidi so yi yɛ Ampa anaa Atoro:

1. Esra nhoma no ka sɛnea Yehowa ne Yudafo no dii besi bere a wɔboaboaa Hebri nhoma ahorow no ano ho asɛm. [11, si kr. 85 nky. 7 (1983 de, kr. 86 nky. 7)]

2. Mfiase no na Esra ne Nehemia nhoma no yɛ nhoma biako a wɔfrɛ no Esra. [14, si kr. 88 nky. 3 (kr. 88 nky. 3)]

3. Sɛ worema ɔkasa a, ɛyɛ papa sɛ worenna anigye a ɛtra so adi wɔ ɔkasa no nyinaa mu. [3, sg kr. 164 nky. 6]

4. Beresosɛm Nhoma a Ɛto so 2 no nkyekyem ahorow a etwa to no da no adi sɛ ɛsɛ sɛ wɔkan mfe 70 pɛpɛɛpɛ fi bere a wɔsɛee Yuda pasaa de besi bere a wɔsan de nokware som sii hɔ wɔ 537 A.Y.B. mu. [10, si kr. 84 nky. 35 (kr. 84 nky. 35)]

5. Mmuae a wobɛma daa wɔ nhyiam horow ase bɛboa wo ma woatumi akasa wɔ baguam. [12, sg kr. 183 nky. 14]

6. Ná “ɔbea bi a ofi Dan mmabarima mu” no nso ware ɔbarima bi a ofi Dan abusuakuw mu. (2 Be. 2:​14, New World Translation) [1, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w79 4/15 kr. 31.]

7. Beresosɛm Nhoma a Ɛto so Abien ti 16:14 kyerɛ sɛ wɔhyew Ɔhene Asa funu. [4, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w76 kr. 416.]

8. Wɔ Luka 11:​51 no, na ɛda adi sɛ Yesu reka abo a wosiw Yehoida ba Sakaria no ho asɛm. (2 Be. 24:​20, 21) [6, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w80 3/1 kr. 31.]

9. Sɛ Nkaedi no pa Yehowa Ɔdansefo biara ti so a, ɛsɛ sɛ odi wɔ nna 30 akyi. (2 Be. 30:2) [8, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW 2/85 kr. 31.]

10. Eduu “ɔsram a ɛto so ason,” anaa bɛyɛ October 1, 537 A.Y.B. mu no, na Yudafo nnommum no asan akɔtra wɔn asase so. (Esra 3:1) [11, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ si kr. 283 nky. 29 (kr. 282 nky. 30).]

Bua nsemmisa a edidi so yi:

11. Ɔkasa a wɔma wie wɔ bere ano gyina dɛn so titiriw? [9, sg kr. 179 nky. 25]

12. Asɔrefi bɛn na n’anuonyam so sen asase so asɔrefi ahorow de? [13, si kr. 87 nky. 16 (kr. 87 nky. 16)]

13. Dɛn ne ɛnne nsakrae? [2, sg kr. 160 nky. 11]

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔma mfatoho a wɔde di dwuma mu da hɔ? [5, sg kr. 169 nky. 10]

15. Sɛ ɔkasafo bi anni ne bere so a, nkɛntɛnso bɛn na eyi betumi anya wɔ ne kasa no awiei? [9, sg kr. 177 nky. 16]

16. Dɛn nti na ɛnyɛ mfomso sɛ wɔbɛkyere baguam mpaebɔ agu kasɛt so? (2 Be. 33:18) [9, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w78 1/1 kr. 32 nso.]

17. Edin bɛn na wiase no abakɔsɛm de ma Asnapar? (Esra 4:10) [12, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88 2/15 kr. 28.]

18. Dɛn nti na wɔpam ɔyerenom ananafo mma no kaa wɔn nanom ho? (Esra 10:​3, 44) [13, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86 1/15 kr. 9.]

19. “Artasasta afe a ɛto so aduonu no” yɛ afe bɛn? (Neh. 2:1) [14, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW92 10/1 kr. 11.]

20. Ɔkwan bɛn so na ‘wɔma wɔtee’ Mmara no ase? (Neh. 8:8) [16, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86 2/15 kr. 26.]

21. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ mfatoho biara a wɔde di dwuma wɔ ɔkasa mu ho? [6, sg kr. 171 nky. 20]

Fa nsɛmfua anaa nsɛm a ɛho hia na wode awie nsɛm a edidi so yi ma:

22. Wɔ Babilon nnommumfa no akyi no, Yudafo nkaefo anokwafo bi sii afɔremuka na wɔbɔɔ afɔre ahorow wɔ afe ․․․․․․․ mu. [11, si kr. 85 nky. 3 (kr. 85 nky. 3)]

23. Sɛ ɔkasafo bi ani gye n’atiefo ho a, ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ ․․․․․․․. [4, sg kr. 166 nky. 13]

24. Sɛ yɛde teokrase nsɛmfua di dwuma wɔ yɛn som adwuma mu a, ɛho hia sɛ ․․․․․․․ mu. [7, sg kr. 173 nky. 5]

25. Ɔkasa awiei atirimpɔw titiriw ne sɛ ․․․․․․․. [8, sg kr. 175 nky. 4]

26. Ɛnsɛ sɛ ɔkasafo ․․․․․․․ asɛnka agua so pon a wogyina ho ma ɔkasa no. [15, sg kr. 186 nky. 26]

27. Nea ɛne 1 Timoteo 3:​1 hyia no, mmarima betumi de wɔn ho ama denam ․․․․․․․. [16, sg kr. 190 nky. 10]

Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:

28. Esra kyerɛw Beresosɛm nhoma no wiei wɔ bɛyɛ afe (515; 460; 537) A.Y.B. mu. [1, si kr. 79 nky. 1 (kr. 79 nkr. 1)]

29. Nehemia somee wɔ Persia hene (Kores; Xerxes; Artasasta) bere so. [14, si kr. 88 nky. 1 (kr. 88 nky. 1)]

30. “Nnapɔnna no” ne (Asese; Adapɛn; Abodoo a Mmɔkaw Nnim) Afahyɛ no. (2 Be. 7:8) [2, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ pm kr. 53.]

Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ nsɛm a ɛwɔ ase ha a ɛne no hyia no anim:

2 Be. 9:9; 2 Be. 19:7; 2 Be. 28:​16, 20, 21; 2 Be. 36:​20, 21; Neh. 5:7

31. Yɛn ho a yɛde bɛhyehyɛ wiase no nsɛm mu wɔ ɔkwan a ɛho nhia so betumi ayɛ asiane. [7, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w85 9/1 kr. 30.]

32. Yehowa ankasa na ɔde adanmude ho adwene a ɛfata ho gyinapɛn sii hɔ. [5, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86 10/1 kr. 30.]

33. Na eyi tõ Yehowa mmara a ɛwɔ Leviticus 25:36 ne Deuteronomium 23:19 no pefee. [15, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86 2/15 kr. 25.]

34. Eyi ka akyɛde a ne bo a ɛsom no boro Amerika dɔla $50,000,000 ho asɛm. [3, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ gTW 5/88 kr. 4.]

35. Nneɛma ahorow nti a Israel kɔɔ nnommumfa mu mfe 70 wɔ Babilon no mu biako ne sɛ wobuu Onyankopɔn Homedadi ho mmara ahorow so. [2, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ g79 9/22 kr. 9.]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena