Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
September 3 besi December 24, 1990 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsemmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.
[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsemmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsemmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afã horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]
Kyerɛ sɛ nsɛm a edidi so yi yɛ Ampa anaa Atoro:
1. Yakobo krataa a ɛhyɛ gyidi a ɛnam nnwuma so ho nkuran no ne nea Paulo kyerɛw faa nkwagye a ɛnam gyidi so na ɛnyɛ nnwuma so ho no bɔ abira. [si kr. 246 nky. 6]
2. Ɛda adi sɛ wɔkyerɛw Yohane Nhoma a Edi Kan no maa Kristofo kuw mũ no nyinaa, na ɛnyɛ asafo pɔtee bi. [si kr. 255 nky. 5]
3. Obiara a Onyankopɔn awo no no nyɛ bɔne. [si kr. 255 nky. 10]
4. “Awuraa a wɔayi no” a wɔka ne ho asɛm wɔ Yohane Nhoma a Ɛto so Abien no mu no betumi ayɛ Kristofo asafo bi. (2 Yoh. 1:1) [si kr. 256 nky. 1]
5. Yohane Nhoma a Ɛto so Abiɛsa no ma yehu asafo ahorow no ne ahwɛfo akwantufo ntam abusuabɔ ho biribi a ɛyɛ anigye. [si kr. 258 nky. 3
6. Yuda sii nokwasɛm a ɛne sɛ ɔyɛ Yesu Kristo nua no so dua titiriw. [si kr. 259 nky. 2
7. Ɛnyɛ honam fam Israel na ɛma Israel nkwagye ho nkɔmhyɛ ahorow no nya mmamu, na mmom Kristofo asafo no. (Romafo atiri 9-11) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW 8/1 kr. 24.]
8 Yehowa ‘ma ɔkwan da hɔ’ denam sɔhwɛ a oyi fi hɔ no so. (1 Kor. 10:13) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW 5/74 kr. 119.]
9. Ɛbɛyɛ sɛ “nkamaa” a egyaw twã ahorow bi wɔ Paulo ho no ti hwe a wɔhwee no no. (Gal. 6:17) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW 90 11/15 kr. 26.]
10. ‘Asase so nneɛma nyinaa anoboaboa’ no bɛkɔ so ara akosi sɛ wɔn a wɔwɔ nkae adamoa mu no bɛte Yesu nne na wɔafi adi. (Efe. 1:10) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW 90 11/15.]
Bua nsɛm a edidi so yi:
11. Afotu bɛn na Yakobo de ma wɔ bɔne ahorow ho? [si kr. 248 nky. 14]
12. Adwene bɛn na Petro Nhoma a Edi Kan no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo nya? [si kr. 250 nky. 9]
13. Bɔ mfatoho ahorow a tumi wom a Petro de dii dwuma de kyerɛe sɛ nea ɛbɛyɛ biara no, Onyankopɔn bebu atoro adiyifo ne akyerɛkyerɛfo atɛn no mu biako din. [si kr. 252 nky. 5]
14. Ɔkwan bɛn so na yɛfa hu antikristo no? [si kr. 255 nky. 7]
15. Dɛn na ‘baguam mpaemuka’ a wɔka ho asɛm wɔ Romafo 10:9, 10 no kyerɛ titiriw? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88 1/1 kr. 22 ne 6/15 kr 29.]
16. Akwan abien bɛn so na mpanyimfo no betumi afa asi aniberesɛm a ɛwɔ Onyankopɔn afotu a ɛne sɛ wɔnware “Awurade mu nko” no so dua? (1 Kor. 7:39) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW 4/83 kr. 22.]
17. Dɛn ne ‘mmɛma a ɛredɛw’ a ɛko tia yɛn gyidi no? (Efe. 6:16) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW 90 11/15.]
18. Dɛn ne “botae” a na Paulo retiw no? (Fil. 3:13, 14) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW90 11/15.]
Fa nsɛmfua anaa nsɛm a ɛho hia na wode awie nsɛm a edidi so yi ma:
19. Yakobo tu fo sɛ, sɛ anka yɛbɛhoahoa yɛn ho wɔ yɛn nhyehyɛe ahorow ho mmom no, ɛsɛ sɛ yɛka sɛ ․․․․․․․ yɛbɛyɛ eyi anaa eyi. [si kr. 247 nky. 12]
20. Sɛ anka yɛbɛma yɛn ho apere yɛn wɔ Yehowa da no ba ho no, ɛsɛ sɛ yebu ne boasetɔ no sɛ ɛma afoforo pii nya ․․․․․․․. [si kr. 253 nky. 7]
21. Nnipa dodow no ara gye di sɛ wɔkyerɛw Yohane nhoma ahorow abiɛsa no wiei ․․․․․․․ ne sɛ wɔkyerɛwee wɔ ․․․․․․․ mpɔtam ho. [si kr. 254 nky. 2]
22. Yuda rekyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ nnipa amumɔyɛfo ka anuonyamfo ho nsɛmmɔne no, ɔtwee adwene sii nhwɛso pa no so. [si kr. 260 nky. 6]
23. Sɛnea Romafo 13:1 kyerɛ no, ․․․․․․․ a Onyankopɔn ama nkutoo nti na wiase sodifo ahorow wɔ hɔ. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW90 8/1 kr. 24.]
24. Bere a ․․․․․․․ twee ne ho fii Amanaman Mufo gyidifo ho wɔ Antiokia esiane sɛ na osuro Yudafo Kristofo a woti Yerusalem no nti no, ․․․․․․․ kaa n’anim. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW90 11/15.]
25. Paulo maa Filipifo no awerɛhyem wɔ ․․․․․․․ a na ɔyare denneennen no ho. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW90 11/15.]
Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi mu:
26. Petro kyerɛw Petro Nhoma a Edi Kan no bere a na ɔwɔ (Roma; Yerusalem; Babilon) no. [si kr. 249 nky. 5]
27. Ɛda adi sɛ wɔkyerɛw Petro Nhoma a Ɛto so Abien no bɛyɛ (56; 64; 70) Y.B. [si kr. 252 nky. 3]
28. Esiane sɛ ebetumi aba sɛ na (Helafo nyansapɛ; nkate; Hebri Kyerɛwnsɛm) anya wɔn so nkɛntɛnso nti, Korintofo asafo no mufo binom kae sɛ awufo sɔre biara nni hɔ. (1 Kor. 15:32) (Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW90 9/15 kr 25.]
29. Wɔ 2 Korintofo 3:18 no, Paulo ka osuahu bi a ɛfa (Mose; Yosua; Elia) ho ho asɛm. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW90 9/15 kr. 26.]
30. Paulo kaa (Korintofo; Makedoniafo; Efesofo) nhwɛso pa no ho asɛm, efisɛ na wɔayɛ ayamye ma atra wɔn ahoɔden so wɔ honam fam nneɛma a wɔde ma mu. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW90 9/15 kr. 27.]
Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ nsɛm a ɛwɔ ase ha a ɛne no hyia no anim:
Rom. 7:4; 1 Kor. 4:9; 14:40; 2 Kor. 6:7; 1 Pet. 3:21
31. Onyankopɔn yɛ nsiesiei ma nkwagye denam asubɔ ne Yesu Kristo wusɔre so. [si kr. 250 nky. 8]
32. Ɛwom sɛ na wofi baabiara toa Paulo ne ne mfɛfo adwumayɛfo no de, nanso na wowɔ akode a wɔde bedi honhom mu ako. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW90 9/15 kr. 27.]
33. Paulo kaa owu wɔ agumadibea mu ho asɛm. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW90 9/15 kr. 24.]
34. Yɛnam yɛn nhyiam horow a yɛyɛ ho nhyehyɛe pɛpɛɛpɛ no so hyɛ Onyankopɔn anuonyam. [Dapɛn biara Bible akenkan, hwɛ wTW 9/15 kr. 25.]
35. Yesu wu no maa Yudafo a na wogye di no dee wɔn ho fii Mmara no ase a na wɔhyɛ no ho. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW90 8/1 kr. 24.]