Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma July: Questions Young People Ask—Answers That Work. August ne September: Wubetumi de brochure a ekura nkratafa 32 biara ama, gye Sukuu brochure no nkutoo. Bɔ mmɔden sɛ wubefi ofie Bible adesua ase. October: Creation nhoma. Fa Tra Ase Daa ne Bible Mu Nsɛm nhoma a ɛwɔ ɔman yi mu kasa mu ma. November: Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban anaa n’abien nyinaa a wɔma wɔkra.
● So woanya asɛnka mu osuahu pa bi nnansa yi? Yɛbɛpɛ sɛ wo ne yɛn kyɛ anigye a wunyae no. Yɛsrɛ wo, kyerɛw osuahu no fa mana Asafo ti no.
● Yɛhyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran sɛ wɔnkenkan 1990 “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam horow no ho krataa a ɛhyɛ saa Ahenni Som yi mu no yiye. Bere a moasusuw krataa yi ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase awie no, wɔn a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wobɛkɔ nhyiam a wɔkyerɛ sɛ wɔn asafo nkɔ no betumi akɔ nhyiam ho nsɛm sohwɛfo no nkyɛn akogye Adammisa nkratasin. Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ Nhyiam C, D, ne E no de Wɔn Adammisa nkratasin mana ansa na September 1, 1990 adu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ Nhyiam B no twɛn amanneɛbɔ foforo a address a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn Adammisa nkratasin mana ka ho. Ebia wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ Nhyiam A no de wɔn Adammisa nkratasin amana dedaw sɛnea akwankyerɛ a wɔde ama dedaw no kyerɛ no.
● Yɛde “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam horow no ho Adammisa nkratasin aka Ahenni Som yi ho de mana asafo ahorow nyinaa. Ɛsɛ sɛ nhyiam ho nsɛm sohwɛfo de saa nkratasin no sie kosi sɛ mubesusuw krataa a ɛka ho no ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase ansa. Ɛno akyi no, wɔn a Wɔasi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam a wɔkyerɛ sɛ wɔn asafo nkɔ no betumi akɔ ne nkyɛn akogye nkratasin no, nanso ɛnsɛ sɛ wɔde mana ansa na September 1 adu.