Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma July: Wo Abusua Asetra a Wobɛma nyɛ Anigye ne “Let Your Kingdom Come” nhoma abien no a yɛde begye ¢120.
BERE A WƆDE YƐ ADWUMA WƆ BETEL: Yɛsrɛ mo, monhyɛ no nsow, mmere a edidi so yi mu nkutoo na wobue Betel: Dwoda kosi Fida 8:00 a.m. kosi awia 12:00 ne 1:00 p.m. kosi 5:00 p.m. Memeneda abien a edi kan wɔ ɔsram no mu mu no, wobue Betel fi 8:00 a.m. kosi awia 12:00 ne afei efi 12:30 p.m. kosi 2:30 p.m. Wommue Betel Memeneda abien a etwa to wɔ ɔsram no mu no. Yɛsrɛ mo, momma hɔ. Sɛ ɔsram no kura Memeneda anum a, wobebue Memeneda a ɛto so abiɛsa no fi 8.00. a.m. kosi awia 12:00 nkutoo. Wɔremmue Memeneda a ɛto so anan ne anum no.
● YƐSRƐ MO MONHYƐ EYI NSO NSOW: Wommue Betel wɔ nnapɔnna a edidi so yi mu: March 6, June 4, July 1 ne December 31. Yɛsrɛ mo momma hɔ efisɛ wɔrenyɛ adwuma.
● Ɛdenam nhyehyɛe titiriw bi so no Asafo ti no ama Bible kuw bi asan atintim Twi Bible Dedaw a Ɛde Yehowa din di dwuma no bi. Mprempren yɛwɔ eyi wɔ baa dwumadibea ha na asafo ahorow betumi akra bi. Yennya nhuu ne bo ankasa ɛ, nanso ebia biako bɛyɛ ¢250. Yɛsrɛ mo monhyɛ no nsow sɛ eyi yɛ Controlled Stock. Ɛnsɛ sɛ mokra de gu mo asafo no mu. Mmom no, monkra nea muhia
● Nhoma a Ebi Nni hɔ:
Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase so (nketewa no)—Engiresi
Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma—Twi
● Esiane sɛ afe yi yɛbɛyɛ ɔmantam nhyiam horow no wɔ December mu nti, yɛrehyɛ asafo ahorow no nkuran sɛ wɔnyɛ wɔn asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwumayɛ no ho nhyehyɛe na ansiw adwuma a edi nhyiam anim a wɔbɛyɛ anaasɛ nhyiam no ankasa ho kwan.
● ƆMANSIN NHYIAM HOROW:
July 5, 6: Ɔmansin 4 wɔ Ho
July 5, 6: Ɔmansin 8 wɔ Sunyani
July 12, 13 Ɔmansin 5 wɔ Bodada
July 12, 13: Ɔmansin 7 wɔ Kwamang
July 19, 20: Ɔmansin 2-A wɔ Nungua
July 19, 20: Ɔmansin 10 wɔ Kumasi
July 28, 27: Ɔmansin 22 wɔ Kumasi
July 26, 27: Ɔmansin 2-B wɔ Legon